Nnwom 75 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 75Asaf dwom.

1Onyankopɔn, yɛda wo ase,

yɛda wo ase, efisɛ wo Din abɛn;

nnipa ka wʼanwonwade kyerɛ.

2Woka se, “Me na mehyɛɛ bere a ɛsɛ no;

ɛyɛ me na mibu atɛntrenee.

3Sɛ asase ne so nnipa nyinaa wosow a,

me na mema nʼafadum gyina hɔ pintinn.

4Meka kyerɛ ahantanfo se, ‘Monnhoahoa mo ho bio,’

na meka kyerɛ amumɔyɛfo nso se, ‘Mommma mo mmɛn so.

5Mommma mo mmɛn so ntia ɔsoro;

mommfa animtiaabu nkasa.’ ”

6Obiara mmfi apuei anaa atɔe

anaa sare no so a obetumi ama obi so.

7Ɛyɛ Onyankopɔn na obu atɛn:

Ɔbrɛ ɔbaako ase, na ɔma ɔfoforo so.

8Kuruwa bi hyɛ Awurade nsam

nsa bi a etwa ahuru a wɔde nnuhuam afra ahyɛ no ma;

ohwie, na asase so amumɔyɛfo nyinaa

nom ma ɛka ase puw.

9Me de, mɛpae mu aka eyi daa daa;

mɛto ayeyi dwom ama Yakob Nyankopɔn.

10Mebubu amumɔyɛfo nyinaa mmɛn,

na atreneefo mmɛn de, wɔbɛma so.

Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde sanku na ɛto.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help