Nnwom 112 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 112

1Monkamfo Awurade.

Nhyira nka onipa a osuro Awurade

na onya nʼahyɛde mu anigye pii.

2Ne mma bɛyɛ atumfo wɔ asase no so;

atreneefo awo ntoatoaso benya nhyira.

3Ahonya ne sika wɔ ne fi,

na ne trenee tena hɔ daa.

4Sum mu mpo hann pue ma nnipa a wɔteɛ,

ma ɔdomfo, mmɔborɔhunufo ne ɔnokwafo.

5Yiyedi bɛba wɔn a wɔn tirim yɛ mmerɛw na wɔde fɛm kwa,

wɔn a wɔde atɛntrenee yɛ wɔn nneɛma no so.

6Ampa ara ɔrenhinhim da biara da;

wɔbɛkae onipa trenee daa.

7Ɔte asɛmmɔne a, ɛmmɔ no hu;

ne koma si pi wɔ Awurade mu ahotoso mu.

8Ne koma wɔ bammɔ, na onsuro;

awiei no ɔde nkonimdi behyia nʼatamfo.

9Ɔtow nʼakyɛde pete aman so ma ahiafo nea wohia,

nʼadɔe no tena hɔ daa;

wɔbɛkae wɔn daa na wɔahyɛ wɔn anuonyam.

10Omumɔyɛfo behu ama ayɛ no yaw,

ɔbɛtwɛre ne se na wafɔn;

omumɔyɛfo tirimpɔw bɛyɛ ɔkwa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help