2 Beresosɛm Nhyɛnmu - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)
NhyɛnmuBeresosɛm a ɛto so abien no ka Yuda ho asɛm fa ahemfo porɔwee ne wɔn ahonisɛm ho. Nnɛ ɔhene pa sɔre wɔ Yuda, nanso ɛnkyɛ na ɔhene bɔne bi asɔre ama wɔn famkɔ aba. Awiei no ɛdan basabasayɛ, adesɛe ne nkoasom.Ɔkyerɛwfo no kyerɛw saa nhoma yi, sɛnea ɔman no bɛtetew asan nʼakyi akɔ Onyankopɔn hɔ. Ogyina atetesɛm so na ɛkaakae wɔn sɛ Onyankopɔn akyidi nko ara na ɛbɛma wɔn nkɔso.Beresosɛm a ɛto so abien no toa abakɔsɛm a ɛwɔ Beresosɛm a edi kan no so. Wosii Dawid babarima Salomo ɔhene. Salomo sii asɔredan fɛfɛ bi wɔ Yerusalem. Ɔnam so de yɛɛ nea nʼagya Dawid pɛɛ sɛ ɔyɛ a ɛyɛ nʼabisade a etwa to no (Ti 2–5). Salomo dii ade mfe aduanan a ɛyɛɛ asomdwoe ne nkɔso. Ɛma ogyee din. Salomo wui no, ne ba barima Rehoboam na odii nʼade sɛ ɔhene. Esiane ne mmofra adwene no nti, ne bere so no ahemman no mu paee abien.Ɔkyerɛwfo no botae ne sɛ, ɔnam onyamesompa so de nkabom bɛba ɔman no mu wɔ wɔn nkoasom no akyi. Ɔkaakae nnipa no wɔn atetesɛm.Ogyina Nyamesɛm mu asɛm so bɔɔ no dawuru kyerɛɛ mu pefee sɛ, “Afei sɛ me nkurɔfo—na masiesie wɔn asase no.” (Ti 7.14).Emu NsɛmSalomo Ahenni (1.1–9.31)Yuda Ahemman (10.1–36.23)