1 Awurade kae Dawid
ne ɔhaw ahorow a ogyinaa ano no.
2Ɔkaa Awurade ntam,
na ɔhyɛɛ nea ɔyɛ Otumfo ma Yakob no bɔ se,
3“Merenhyɛn me fi
na merenkɔda me mpa so,
4meremma nna mmfa me
na meremma mʼani nkum,
5kosi sɛ menya baabi ama Awurade,
baabi a nea ɔyɛ Otumfo ma Yakob No bɛtena.”
6Yɛtee wɔ Efrata,
yɛbɛtoo so wɔ Yaar mfuw so.
7“Momma yɛnkɔ nʼatenae;
momma yɛnsom wɔ ne nan ntiaso hɔ.
8‘Awurade, sɔre bra wʼahomegyebea,
wo ne wo tumi adaka no.
9Ma trenee nyɛ sɛ ntade mma wʼasɔfo;
ma wʼahotefo nto ahurusi nnwom.’ ”
10Wo somfo Dawid nti,
nyi wʼani mfi nea woasra no ngo no so.
11 Awurade kaa ntam kyerɛɛ Dawid,
nokware ntam a ɔntwe nsan se,
“Wʼasefo no mu baako
na mede no bɛtena wʼahengua so.
12Sɛ wo mmabarima di mʼapam so
na wotie me nkyerɛkyerɛ a,
ɛno de wɔn mmabarima bɛtena
wʼahengua so afebɔɔ.”
13 Awurade ayi Sion,
ɔde hɔ ayɛ nʼatenae:
14“Ɛha ne mʼahomegyebea daa nyinaa;
ɛha na mɛtena adi hene, efisɛ ha na mepɛ,
15mede nneɛma pa bebree behyira no
na mama nʼahiafo adidi amee.
16Mede nkwagye befura nʼasɔfo,
na nʼahotewfo ato ahurusi nnwom daa.
17“Mɛma obirɛmpɔn bi apue wɔ Dawid ahenni mu,
na mede kanea asi hɔ ama nea masra no ngo no.
18Mede aniwu befura nʼatamfo,
nanso wɔbɛhyɛ no ahenkyɛw a ɛhyerɛn.”
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
