Nnwom 127 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 127Ɔsoroforo dwom. Salomo de.

1Sɛ Awurade ansi ɔdan no a,

adansifo no yɛ ho adwuma kwa.

Sɛ Awurade ammɔ kuropɔn no ho ban a,

awɛmfo no wɛn kwa.

2Sɛ wosɔre anɔpahema

na wotena kosi anadwo,

na woyɛ adwumaden pɛ wʼano aduan a,

ɛyɛ ɔkwa, efisɛ wɔn a ɔdɔ wɔn no, ɔma wɔn wɔ wɔn nnae mu.

3Mma yɛ agyapade a efi Awurade hɔ,

na mma yɛ akatua a efi no.

4Mma a wɔwo wɔn mmabun bere mu no

te sɛ agyan a ɛhyɛ ɔsraani nsam.

5Nhyira ne onipa a

nʼagyan kotoku ayɛ ma.

Nʼanim rengu ase

bere a wahyia nʼatamfo wɔ kurow pon ano no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help