Yesaia 26 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Ayeyi Dwom

1Saa da no, wɔbɛto saa dwom yi wɔ Yuda asase so:

Yɛwɔ kuropɔn dennen;

Onyankopɔn de nkwagye

ayɛ nʼafasu ne ne hankare a ɛkorɔn.

2Mummuebue apon no

na atreneefo man no nhyɛn mu,

ɔman nokwafo no.

3Wobɛkora no so asomdwoe mu

nea wasi nʼadwene pi,

efisɛ ɔde ne ho to wo so.

4Fa wo ho to Awurade so afebɔɔ,

efisɛ, Awurade, Awurade yɛ daa Botan.

5Ɔbrɛ wɔn a wɔtete soro ase,

na ɔbrɛ kuropɔn a ɛkorɔn no ase;

obubu gu fam pasaa

ma ɛda mfutuma mu.

6Anammɔn tiatia so,

wɔn a wɔhyɛ wɔn so anammɔn

ahiafo anammɔntu.

7Ɔtreneeni kwan so yɛ tamaa;

wo, Ɔnokwafo, woma ɔtreneeni kwan so yɛ trontrom.

8Yiw, Awurade, yɛnam wo mmara kwan so yi,

yɛretwɛn wo;

na wo din ne ne kɛseyɛ

yɛ nea yɛn koma pɛ.

9Me kra pere hwehwɛ wo anadwo;

anɔpa nso me honhom ani gyina wo.

Sɛ wʼatemmu ba asase yi so a,

nnipa a wɔwɔ wiase sua treneeyɛ.

10Ɛwɔ mu sɛ wuyi adom adi kyerɛ amumɔyɛfo de,

nanso wonsua treneeyɛ;

na mpo atreneefo asase so no, wɔkɔ so yɛ bɔne

na wommu Awurade kɛseyɛ.

11Ao Awurade, wɔama wo nsa so kɔ soro,

nanso wonhu.

Ma wonhu wo mmɔdemmɔ wɔ wo nkurɔfo ho na ɛnhyɛ wɔn aniwu;

ma ogya a wɔasɔ ama wʼatamfo no nhyew wɔn.

12 Awurade, woama yɛn asomdwoe;

nea yɛatumi ayɛ nyinaa wo na woayɛ ama yɛn.

13 Awurade yɛn Nyankopɔn, awuranom afoforo bi adi yɛn so,

nanso wo din nko ara na yɛ kamfo.

14Afei wɔawuwu, na wɔnte ase bio;

ahonhom a wɔafi mu no wɔrensɔre.

Wotwee wɔn aso na wosɛee wɔn

wɔama yɛn werɛ afi wɔn.

15Woama ɔman no ayɛ kɛse, Awurade;

woama ɔman no ayɛ kɛse;

woahyɛ wo ho anuonyam;

woatrɛtrɛw asase no ahye nyinaa mu.

16 Awurade, wofi ahohia mu baa wo nkyɛn;

bere a wotwee wɔn aso no,

na wontumi mmue wɔn ano mpo mmɔ mpae.

17Sɛnea ɔpemfo a awo aka no

fi ɔyaw mu bukabukaw ne mu na osu no,

saa ara na yɛyɛe wɔ wʼanim, Awurade.

18Yenyinsɛnee, yɛkyemee wɔ ɔyaw mu

nanso yɛwoo mframa.

Yɛamfa nkwagye amma asase so;

wɔanwo nnipa amma asase so.

19Nanso wʼawufo benya nkwa;

wɔn nipadua bɛsɔre.

Ma wɔn a wɔtete mfutuma mu no,

nsɔre mfa anigye nteɛ mu.

Mo bosu te sɛ anɔpa bosu;

asase beyi nʼafunu apue.

20Monkɔ, me nkurɔfo, monhyɛnhyɛn mo adan mu

na montoto apon no mu;

momfa mo ho nsie bere tiaa bi

kosi sɛ nʼabufuwhyew ano bedwo.

21Hwɛ, Awurade refi nʼatenae

abɛtwe nnipa a wɔte asase so aso wɔ wɔn bɔne ho.

Asase bɛda mogya a wɔahwie agu no so no adi;

ɔrentumi mfa nʼatɔfo nsie bio.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help