Nnwom 33 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 33

1Momfa ahurusi nto dwom mma Awurade, mo atreneefo,

ɛfata sɛ wɔn a wɔteɛ no yi no ayɛ.

2Momfa sanku nkamfo Awurade;

monto dwom mma no wɔ sankuten so.

3Monto dwom foforo mma no.

Momfa nimdeɛ mmɔ sanku no na monteɛ mu ahurusi so!

4 Awurade asɛm teɛ na ɛyɛ nokware

odi nokware wɔ nea ɔyɛ nyinaa mu.

5 Awurade dɔ treneeyɛ ne atɛntrenee.

Nʼadɔe a ɛnsa da no ahyɛ asase so ma.

6 Awurade asɛm so na wɔnam yɛɛ ɔsorosoro,

nʼanom home so na wɔnam yɛɛ ɔsoro asafo.

7Ɔka po nsu boa ano kuw;

na ɔde bun sie nea hɔ dɔ.

8Momma asase sofo nyinaa nsuro Awurade;

na wiasefo nyinaa mfa nidi mma no.

9Ɔno na ɔkasa ma ɛbaa mu

na ɔhyɛ ma egyinaa pintinn.

10 Awurade sɛe amanaman no nhyehyɛe;

ɔma adesamma nsusuwii yɛ ɔkwa.

11Nanso Awurade nhyehyɛe tim hɔ daa,

ne koma mu botae wɔ hɔ ma awo ntoatoaso.

12Nhyira ne ɔman a ne Nyankopɔn ne Awurade,

nnipa a oyii wɔn sɛ nʼagyapade no.

13 Awurade hwɛ adesamma nyinaa fi ɔsoro.

14Ofi nʼatenae hwɛ wɔn a wɔte asase so nyinaa.

15Ɔno ne nea ɔbɔɔ wɔn nyinaa koma,

na osusuw nea wɔyɛ nyinaa ho.

16Ɛnyɛ ɔhene asraafo dɔm kɛse na ebegye no;

ɔkofo biara nni hɔ a ofi nʼahoɔden mu guan.

17Ɔpɔnkɔ mu ahotoso yɛ ɔkwa wɔ nkwagye mu;

nʼahoɔden nyinaa akyi no, ɔrentumi nnye nkwa.

18Nanso Awurade ani wɔ wɔn a wosuro no no so,

wɔn a wɔwɔ anidaso wɔ ne dɔ a ɛnsa da no mu,

19sɛ obegye wɔn afi owu mu

na wama wɔatena nkwa mu wɔ ɔkɔm bere mu.

20Yɛde anidaso twɛn Awurade;

ɔyɛ yɛn boafo ne yɛn nkatabo.

21Ne mu na yɛn koma di ahurusi,

efisɛ yɛde yɛn ho to ne din kronkron no so.

22Ma wʼadɔe a ɛnsa da no ntena yɛn so, Awurade,

sɛnea anidaso a yɛwɔ wɔ mu no te.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help