Nnwom 12 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 12Dawid dwom.

1Boa yɛn, Awurade, na nyamesurofo asa;

nokwafo ayera wɔ nnipa mu.

2Obiara di atoro kyerɛ ne yɔnko;

wɔn ano a ɛdɛfɛdɛfɛ no ka nnaadaasɛm.

3Ma Awurade ntwa nnaadaa ano

ne tɛkrɛma biara a ɛhoahoa ne ho nkyene;

4nea ɛka se, “Yɛde yɛn tɛkrɛma bedi nkonim;

yɛn ano bedi ama yɛn, na hena na odi yɛn so tumi?”

5“Esiane ɔhyɛ a wɔde hyɛ mmɔborɔni

ne ohiani apinisi no nti,

mɛsɔre afei,” Awurade na ose.

“Mɛbɔ wɔn ho ban afi wɔn a wɔhaw wɔn no ho.”

6 Awurade asɛm yɛ nokware

te sɛ dwetɛ a wɔasɔn so wɔ fononoo mu,

na wɔahoa ho mpɛn ason.

7 Awurade, wobɛkora mmɔborɔni

na woabɔ yɛn ho ban afi saa nnipa yi ho afebɔɔ.

8Amumɔyɛfo nenam sɛnea wɔpɛ,

bere a adesamma de nidi ma afide.

Wɔde ma dwonkyerɛfo.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help