Ɔsɛnkafo 11 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Wura Aguadi Pii Mu

1Fa wʼawi twa po;

na daakye bi wubenya so mfaso.

2Fa hyɛ aguadi ason mu, yiw, nea ɛto so awotwe mu,

wunnim atoyerɛnkyɛm a ɛbɛba asase no so.

3Sɛ nsu ayɛ omununkum mu ma a,

ɛtɔ osu gu asase so.

Sɛ dua bi bu hwe anafo fam anaa atifi fam a,

nea ɛhwee no, ɛhɔ ara na ɛbɛda.

4Obiara a ɔtwɛn wim nsakrae no rennua,

na nea ɔhwɛ omununkum no nso rentwa.

5Sɛnea wunnim ɔkwan a mframa nam so,

anaa sɛnea wɔnwen nipadua wɔ ɔyafunu mu no,

saa ara na worentumi nte Onyankopɔn nnwuma ase,

ade nyinaa Yɛfo no.

6Dua wʼaba anɔpa,

na anwummere nso ma wo nsa nna ho,

na wunnim nea ɛbɛyɛ yiye,

sɛ eyi anaa eyi,

anaasɛ ebia abien no nyinaa bɛyɛ yie.

Kae Wo Bɔfo Wɔ Wo Mmerante Bere Mu

7Hann yɛ fɛ;

na ɛyɛ aniwa dɛ sɛ ohu owia.

8Mfe dodow a onipa bɛtena nkwa yi mu nyinaa

ɛsɛ sɛ onya ahotɔ.

Nanso ɛsɛ sɛ ɔkae nnabɔne

na ɛbɛdɔɔso.

Biribiara a ɛbɛba no yɛ ahuhude.

9Ma wʼani nnye, aberante, bere a woyɛ ɔbabun,

ma wo koma mma wo anigye wɔ wo mmerantebere mu.

Di nea wo koma pɛ

ne nea wʼaniwa hu akyi,

nanso hu sɛ eyinom nyinaa ho

Onyankopɔn de wo bɛba atemmu mu.

10Enti yi adwennwen biara fi wo koma mu

na tow ɔhaw biara a ɛwɔ wo mu no gu,

efisɛ mmeranteyɛ ne ahoɔden yɛ ahuhude.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help