Amos 4 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Israel Nsan Nkɔɔ Onyankopɔn Nkyɛn Ɛ

1Muntie asɛm yi, mo Basan “anantwi” a mowɔ Bepɔw Samaria so,

mo mmea a mohyɛ ahiafo so, na moka mmɔborɔfo hyɛ

na moka kyerɛ mo kununom se, “Mommrɛ yɛn nsa!”

2Otumfo Awurade de ne kronkronyɛ aka ntam se,

“Ampa ara bere no bɛba

a wɔde nkaa bɛtwe mo akɔ;

mo mu nea otwa to no, wɔde nsumnam darewa bɛtwe no.

3Mo mu biara bepue akɔ,

na mobɛfa ɔfasu mu ntokuru mu,

na wɔbɛtow mo akyene Harmon fam,”

sɛnea Awurade se ni.

4“Monkɔ Bet-El nkɔyɛ bɔne

na monkɔ Gilgal na monkɔyɛ bɔne ara.

Momfa mo afɔrebɔde mmra anɔpa biara,

na momfa mo ntotoso du du mmra mfe abiɛsa biara.

5Monhyew mmɔkaw brodo sɛ aseda afɔre;

Momfa ayɛyɛde a efi mo pɛ mu nhoahoa mo ho,

na momfa ntu mo ho, mo Israelfo,

na eyi ne nea mopɛ sɛ moyɛ,”

sɛnea Otumfo Awurade se ni.

6“Memaa ɔyafunu daa mpan wɔ kuropɔn biara mu

na aduan ho yɛɛ den wɔ nkurow so,

nanso monnsan mmaa me nkyɛn ɛ,”

sɛnea Awurade se ni.

7“Mesan de osu kamee mo,

bere a aka asram abiɛsa na otwabere no adu.

Memaa osu tɔɔ wɔ kurow baako so

na mamma antɔ wɔ kurow foforo so.

Afuw baako nyaa osu

afuw foforo annya bi na hyewee.

8Nnipa totɔɔ ntintan kyinii nkurow so pɛɛ nsu

nanso wɔannya dodow a ɛbɛso wɔn nom,

nanso monnsan mmaa me nkyɛn ɛ,”

sɛnea Awurade se ni.

9“Mpɛn pii no mede nnɔbae yare

ba mo mfikyifuw ne mo bobefuw so.

Mmoadabi sɛee mo borɔdɔma ne mo ngonnua,

nanso monnsan mmaa me nkyɛn ɛ,”

sɛnea Awurade se ni.

10“Mede ɔyaredɔm baa mo so

sɛnea mede yɛɛ Misraimfo no,

mede afoa kunkum mo mmerante

ne apɔnkɔ a mofaa wɔn nnommum

mede mo nsra mu hua a ɛbɔn hyɛn mo hwene mu,

nanso, monnsan mmaa me nkyɛn ɛ,”

sɛnea Awurade se ni.

11“Mituu mo mu bi guu

sɛnea metɔree Sodom ne Gomora ase no.

Moyɛɛ sɛ gyentia a wɔatu afi ogya mu.

Nanso monnsan mmaa me nkyɛn ɛ,”

sɛnea Awurade se ni.

12“Enti afei, Israel, nea mede bɛyɛ wo ni,

na esiane sɛ mede eyi bɛyɛ wo nti,

siesie wo ho, Israel. Hyia wo Nyankopɔn.”

13Nea ɔyɛ mmepɔw na ɔbɔ mframa

na ɔda nʼadwene adi kyerɛ nnipa,

nea ɔma adekyee hann dan sum

na ɔnantew asase sorɔnsorɔmmea so no.

Asafo Awurade Nyankopɔn ne ne din.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help