1Medɔ Awurade efisɛ, ɔtee me nne.
Ɔtee me mmɔborɔsu.
2Esiane sɛ ɔbrɛɛ nʼaso ase maa me nti,
mɛfrɛ no wɔ bere a mete ase yi.
3Owu ahama bebaree me,
ɔda ho yawdi baa me so,
ɔhaw ne awerɛhow hyɛɛ me so.
4Afei mebɔɔ Awurade din kae se,
“Awurade, gye me nkwa!”
5 Awurade yɛ ɔdomfo ne ɔtreneeni;
ayamhyehye ahyɛ yɛn Nyankopɔn ma.
6 Awurade bɔ ɔwɛmfo ho ban;
bere a mewɔ ahohia mu no, ogyee me.
7Nya abotɔyam bio, me kra,
efisɛ Awurade ne wo adi no yiye.
8Na wo, Awurade, woagye me kra afi owu mu;
woamma mʼani amporow nisu,
na woamma mʼanan anhintiw
9sɛ mɛnantew Awurade anim
wɔ ateasefo asase so.
10Migye dii; ɛno nti mekae se,
“Mewɔ ahohia kɛse mu.”
11Na mʼahokyere mu mekae se,
“Nnipa nyinaa yɛ atorofo.”
12Dɛn na metumi de atua Awurade ka
wɔ ne papa a wayɛ me nyinaa?
13Mɛma nkwagye kuruwa no so
na mabɔ Awurade din.
14Medi bɔ a mahyɛ Awurade no nyinaa so
wɔ ne nkurɔfo nyinaa anim.
15Awurade nkoa nokwafo wu
som bo wɔ Awurade ani so.
16 Awurade, ampa ara meyɛ wo somfo;
meyɛ wo somfo, wʼafenaa babarima;
woayi me afi me mpokyerɛ mu.
17Mɛbɔ aseda afɔre ama wo
na mabɔ Awurade din.
18Medi me ntam a maka Awurade no so
wɔ ne nkurɔfo nyinaa anim,
19wɔ adiwo a ɛwɔ Awurade fi no,
wɔ wʼanim, Yerusalem.
Monkamfo Awurade.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
