Yesaia 34 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Atemmu A Etia Amanaman No

1Muntwiw mmɛn, mo amanaman, na muntie;

monyɛ aso, mo ɔmanfo!

Momma asase ne nea ɛwɔ so nyinaa ntie,

wiase ne nea efi mu ba nyinaa!

2 Awurade bo afuw amanaman nyinaa;

nʼabufuwhyew no tia wɔn asraafo nyinaa.

Ɔbɛsɛe wɔn pasaa,

ɔbɛma wɔakunkum wɔn.

3Wɔbɛtow wɔn mu atɔfo no agu,

wɔn afunu no beyi hua;

wɔn mogya afɔw mmepɔw no.

4Ɔsoro nsoromma nyinaa bɛyera

na wɔbɛbobɔw ɔsoro te sɛ nhoma mmobɔwee;

ɔsoro atumfo bɛhwe ase

sɛnea nhaban tew fi bobe so,

sɛnea mman a awo pan fi borɔdɔma dua ho.

5Mʼafoa anom nea ɛmee no no wɔ ɔsoro;

hwɛ, ɛresian de atemmu aba Edom so,

wɔn a masɛe wɔn koraa no.

6Mogya aguare Awurade afoa ho,

wɔde srade asra ho,

nguantenmma ne mmirekyi mogya,

adwennini asaabo mu srade.

Awurade wɔ afɔre bi bɔ wɔ Bosra

ne okum kɛse wɔ Edom.

7Anantwi anuɔdenfo ne wɔn bɛtotɔ,

anantwinini nketewa ne akɛse.

Mogya afɔw wɔn asase no,

na srade ayɛ so dɔte no sɔkyee.

8Na Awurade wɔ aweretɔ da

ananmuhyɛ afe, a obedi ama Sion.

9Edom nsuwansuwa bɛdan agodibea,

ne dɔte bɛdan sufre a ɛdɛw

nʼasase bɛyɛ agoprama a ɛdɛw!

10Ɛrennum awia anaa anadwo;

ne wusiw befi a ɛto rentwa da.

Ɛbɛda mpan fi awo ntoatoaso akosi awo ntoatoaso;

obiara remfa ho bio koraa.

11Nweatam so patu ne ɔbonsamnoma

begye hɔ afa;

patu ne kwaakwaadabi bɛtena hɔ.

Onyankopɔn bɛtwe wɔ Edom so

basabasayɛ susuhama

ne amamfoyɛ kirebennyɛ susudua.

12Nʼatitiriw rennya biribiara a ɛbɛma wɔafrɛ no ahenni,

nʼahenemma mmarima nyinaa betu ayera.

13Nsɔe begye nʼabankɛse afa,

nsansono ne nsɔe befuw wɔ nʼabankɛse hɔ.

Hɔ bɛyɛ adompo atu,

ne mpatu tenabea.

14Nweatam so mmoa ne mpataku behyia adi afra,

mmirekyi anuɔdenfo besu akyerɛ wɔn ho wɔn ho;

hɔ na anadwommoa bɛdeda

na wɔde ayɛ wɔn homebea.

15Ɛhɔ na patu bɛyɛ ne berebuw, na watow ne nkesua.

Obesow ne mma, na ɔde ne ntaban akata wɔn so;

ɛhɔ na nkorɔma bɛboaboa wɔn ho ano,

obiara ne nea ɔka ne ho.

16Hwɛ Awurade nhoma mmobɔwee no mu, na kenkan:

Eyinom mu biara renyera,

obiara benya nea ɔka ne ho.

Efisɛ nʼanom na ɔhyɛ asɛm no fi,

na ne honhom bɛboaboa wɔn ano.

17Ɔde wɔn kyɛfa ma wɔn;

ɔde ne nsa yɛ susudua kyekyɛ.

Wɔbɛfa no sɛ wɔn de afebɔɔ

na wofi awo ntoatoaso akosi awo ntoatoaso atena hɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help