Nnwom 93 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 93

1 Awurade di hene, wɔde tumi ahentade ahyɛ no;

wɔde tumi ahentade ahyɛ Awurade

na wɔde ahoɔden ayɛ nʼakode.

Wɔde wiase atim hɔ pintinn;

na wɔrentumi ntutu.

2Wʼahengua tim hɔ fi tete;

na wowɔ hɔ fi mmeresanten.

3 Awurade, po ama wɔn ho so,

po ama wɔn nne so;

po ama wɔn asorɔkye a ɛbɔ dennen no so.

4Nea ɔwɔ tumi sen nsu akɛse mmubomu,

nea ɔwɔ tumi sen po nworoso,

Awurade a ɔte ɔsoro no yɛ ɔkɛse.

5 Awurade, wo nhyehyɛe gyina hɔ pintinn;

kronkronyɛ hyɛ wo fi anuonyam

daa nyinaa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help