1Ɔsram a ɛto so anum wɔ afe koro a ɛyɛ Yudahene Sedekia adedi mfiase, afe a ɛto so anan no mu, odiyifo Hanania a ɔyɛ Asur a ofi Gibeon babarima no ka kyerɛɛ me wɔ Awurade fi bere a na asɔfo ne nnipa no nyinaa ahyia no se,
2“Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se: ‘Mebubu Babiloniahene konnua no.
3Mfe abien mu no, mede Awurade fi mu nneɛma a Babiloniahene Nebukadnessar bɛfa fii ha kɔɔ Babilonia no nyinaa bɛsan aba.
4Na mɛsan de Yehoiakyin a ɔyɛ Yudahene Yehoiakim babarima ne Yuda nnommum a wɔkɔɔ Babilonia no nyinaa aba’ sɛɛ na Awurade se, ‘na mebubu Babiloniahene konnua no.’ ”
5Na odiyifo Yeremia buaa odiyifo Hanania wɔ asɔfo ne nnipa a na wogyinagyina Awurade fi no nyinaa anim.
6Ɔkae se, “Amen! Ma Awurade nyɛ no saa! Ma Awurade mma wo nkɔm a woahyɛ sɛ wɔde Awurade fi nneɛma no nyinaa ne nnommum no befi Babilonia asan aba ha yi no mmra mu.
7Nanso tie asɛm a ɛsɛ sɛ meka ma wote na nnipa no nyinaa nso te:
8Efi tete no, adiyifo a wodii mʼanim ne wʼanim no hyehyɛɛ ɔko, amanehunu ne ɔyaredɔm ho nkɔm tiaa aman bebree ne ahenni akɛse.
9Nanso odiyifo a ɔhyɛ asomdwoe ho nkɔm no, sɛ ne nkɔmhyɛ no ba mu a wobegye no ato mu sɛ obi a ampa ara Awurade asoma no.”
10Na odiyifo Hanania yii konnua no fii odiyifo Yeremia kɔn mu, bubuu mu,
11na ɔkaa wɔ nnipa no nyinaa anim se, “Sɛɛ na Awurade se: ‘Saa ara na mebubu Babiloniahene Nebukadnessar konnua no afi amanaman nyinaa kɔn mu wɔ mfe abien mu.’ ” Odiyifo Yeremia tee eyi no ofii hɔ kɔe.
12Odiyifo Hanania bubuu konnua no fii odiyifo Yeremia kɔn mu akyi no, Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn se:
13“Kɔ na kɔka kyerɛ Hanania se, ‘Sɛɛ na Awurade se: Woabubu dua konnua mu, nanso mede dade konnua besi anan mu.
14Na sɛnea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn no se ni: Mede dade konnua bɛto amanaman nyinaa kɔn mu, ama wɔn asom Babiloniahene Nebukadnessar, na wɔbɛsom no. Na mpo mɛma no adi wuram mmoa so.’ ”
15Na odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ odiyifo Hanania se, “Tie, Hanania! Awurade nsomaa wo, nanso, woama ɔman yi agye atoro ato mu.
16Ɛno nti, sɛ Awurade se ni: ‘Merebeyi wo afi asase so. Afe yi mu ara wubewu, efisɛ woaka atuatew nsɛm atia Awurade.’ ”
17Ɔsram a ɛto so ason wɔ afe no ara mu no, odiyifo Hanania wui.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.