1Ɔhonamkani yɛ pɛsɛmenkominya;
na nea ɛmfa atɛntrenee mma no turuw ɔham.
2Ɔkwasea nni nhumu ho anigye,
na mmom nea ɔpɛ ara ne sɛ ɔde nʼadwene bɛto gua.
3Sɛ amumɔyɛsɛm ba a animtiaabu di so,
na aniwu nso di animguase akyi.
4Onipa anom nsɛm yɛ nsu a emu dɔ,
na nyansa asuti yɛ asuwa a ɛrefi ahuru.
5Enye sɛ wodi ma omumɔyɛfo
anaasɛ wobu nea odi bem ntɛnkyew.
6Nkwaseafo ano de akasakasa ba,
na wɔn ano frɛfrɛ ɔhwe.
7Nkwaseafo ano yɛ wɔn ara wɔn sɛe,
na wɔn anofafa yɛ wɔn ara wɔn kra afiri.
8Osekuni ano asɛm te sɛ aduan a ɛyɛ dɛ;
ɛhyɛnhyɛn onipa akwaa mu nyinaa.
9Nea ɔtoto nʼadwuma ase no
yɛ ɔsɛefo nuabarima.
10 Awurade din yɛ abantenten a ɛyɛ den;
ahotefo guan kɔtoa na wonya bammɔ.
11Adefo ahonyade ne wɔn kuropɔn a wɔabɔ ho ban
wɔfa no sɛ ɔfasu tenten a wontumi mforo.
12Ansa na onipa bɛhwe ase no onya ahomaso koma,
na ahobrɛase di anuonyam anim.
13Nea ontie asɛm ansa na wama mmuae no,
ɛno ne ne gyimi ne nʼanimguase.
14Onipa honhom na ɛhyɛ no den wɔ ɔyare mu
na honhom a abotow de, hena na ɔpɛ?
15Nhumu koma nya nimdeɛ;
na anyansafo aso nso hwehwɛ.
16Akyɛde bue kwan ma nea ɔde ma
na ɛde no ba atitiriw anim.
17Ɛyɛ nea ɔbɔ ne nkuro kan no sɛ nʼasɛm yɛ dɛ,
kosi sɛ ɔfoforo bɛba abebisa no nsɛm no mu.
18Ntontobɔ twa akyinnyegye so,
na ɛpata atamfo.
19Onua a wɔafom no no asɛm yɛ den sen kuropɔn a ɛwɔ bammɔ,
akyinnyegye te sɛ abankɛse apon a wɔabram akyi.
20Onipa anom asɛm so aba ma ɔyafunu mee,
nnɔbae a nʼanofafa twa no mee no.
21Tɛkrɛma kura nkwa ne owu tumi,
na wɔn a wɔdɔ no no bedi nʼaba.
22Nea wanya yere no anya ade pa
na onya adom fi Awurade hɔ.
23Ohiani srɛ ahummɔbɔ,
nanso ɔdefo de kasaden bua no.
24Ɔbarima a ne nnamfonom dɔɔso betumi ahwe ase,
nanso adamfo bi wɔ hɔ a ɔbɛfam ne ho asen onua.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
