Nnwom 142 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 142Dawid de. Bere a na ɔwɔ ɔbodan mu no. Mpaebɔ.

1Meteɛ mu su frɛ Awurade;

mema me nne so su frɛ Awurade sɛ onhu me mmɔbɔ.

2Mihwie mʼahiasɛm gu nʼanim;

meka me haw kyerɛ no.

3Sɛ me kra tɔ beraw wɔ me mu a,

ɛyɛ wo na wunim me kwan.

Ɔkwan a menam so no

nnipa asum me afiri.

4Hwɛ na hu, obiara nni me nifa so;

mʼasɛm mfa obiara ho;

minni guankɔbea bi;

me nkwa mfa obiara ho.

5 Awurade, misu frɛ wo;

mise, “Wone me guankɔbea,

me kyɛfa wɔ ateasefo asase so.”

6Tie me sufrɛ,

na mewɔ ahohia kɛse mu;

gye me fi mʼataafo nsam,

efisɛ wɔn ho yɛ den sen me.

7Yi me fi mʼafiase,

na makamfo wo din.

Afei atreneefo betwa me ho ahyia

esiane wo papa a woayɛ me no nti.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help