Hebrifo Nhyɛnmu - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

NhyɛnmuWonhuu onipa pɔtee a ɔkyerɛw saa nhoma yi, nanso wɔnam akwan ahorow bebree so kyerɛ mu sɛ, Paulo na ɔkyerɛwee. Na akyerɛkyerɛfo bi kyerɛkyerɛ Kristofo a wɔnyɛ Yudafo no se, ɛsɛ sɛ wodi Yudafo mmara ne wɔn amanne so, na wɔbɔ afɔre ahorow wɔ asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no mu sɛnea Yudafo no yɛ no ara pɛ. Ɔkyerɛwfo a ɔkyerɛw krataa yi pɛɛ sɛ ɔkyerɛ nea gyidi ne ɔsom kann yɛ. Ɔda no adi sɛ Yudafo mmara ne wɔn amanne no nyɛ ade a ɛho hia wɔ ɔsom no mu. Na mmom afɔrebɔ kann no ne nea Yesu Kristo yɛɛ wɔ asennua no so no. Ɛno nti ɛho hia sɛ woso gyidi kann no mu, na bere biara wɔkae sɛ esiane wɔn nti na Yesu Kristo wui no.Emu NsɛmYesu Kristo, Ɔsomfo a ɔsen asomfo no nyinaa (1.1–2.18)Yesu Kristo, Ɔsomafo a ɔsen asomafo no nyinaa (3.1–4.3)Yesu Kristo, Ɔsɔfopanyin a ɔsen asɔfo mpanyimfo no nyinaa (4.14–7.28)Kristo yɛ apam agya (8.1–9.28)Kristo yɛ afɔrebɔde pa (10.1-39)Gyidi yɛ ɔkwan pa (11.1–12.29)Asɛmfua a etwa to (13.1-25)
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help