Yesaia 11 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Yisai Ase Dubaa

1Dua foforo bi befifi wɔ Yisai dunsin ho;

efi ne ntin mu na Dubaa bi bɛsow aba.

2 Awurade Honhom bɛtena ne so,

nyansa ne ntease Honhom,

afotu ne tumi Honhom,

nimdeɛ ne Awurade suro Honhom,

3Na nʼani begye wɔ Awurade suro mu.

Ɛnyɛ nea ɔde nʼani hu so na obegyina abu atɛn,

anaa nea ɔde nʼaso bɛte so na obegyina asi gyinae;

4na mmom ɔde trenee bebu mmɔborɔfo atɛn,

ɔde atɛntrenee besi gyinae ama asase so ahiafo.

Ɔde nʼano abaa na ɛbɛbɔ asase;

ɔde nʼanofafa home bekunkum amumɔyɛfo.

5Trenee bɛyɛ nʼabɔso

na nokwaredi ayɛ nʼabɔso.

6Pataku ne oguamma bɛtena,

ɔsebɔ ne abirekyi bɛda,

nantwi ba ne gyata ne ne ba bɛbɔ mu;

na abofra ketewa bi adi wɔn anim.

7Nantwi ne sisi bɛbɔ mu adidi,

wɔn mma bɛdeda faako,

na gyata bɛwe wura te sɛ nantwi.

8Akokoaa bedi agoru abɛn ɔprammiri amoa ano,

na abofra ketewa de ne nsa ahyɛ ahurutoa bon mu.

9Wɔrenyɛ obi bɔne na wɔrensɛe ade

wɔ me bepɔw Kronkron nyinaa so,

na Awurade ho nimdeɛ bɛyɛ asase so ma

sɛnea nsu ayɛ po ma no.

10Na da no, Yisai aseni bɛsɔre; nea ɔbɛsɔre abedi aman aman no so; ɔno na wɔn ani bɛda ne so, na nʼahomegyebea benya anuonyam.

11Saa da no, Awurade bɛma ne nsa so ne mprenu so de agye ne nkurɔfo a wɔaka afi Asiria, Misraim anafo fam, Misraim atifi fam, Kus, Elam, Babilonia, Hamat ne Po so asupɔw.

12Ɔbɛma frankaa so ama aman no

na wɔaboaboa Israelfo a wɔatwa wɔn asu no ano;

Ɔbɛboaboa Yudafo a wɔahwete no ano

afi asase ntwea anan no so.

13Efraim anibere betu ayera,

na wɔbɛsɛe Yuda atamfo.

Efraim ani remmere Yuda bio,

na Yuda nso rentan Efraim ani.

14Wobetwiw afa Filistia asiansian ahorow no so akɔ atɔe fam;

na wɔbɛbɔ mu afow nnipa akɔ apuei fam.

Wɔbɛfa Edom ne Moab,

na Amonfo bɛhyɛ wɔn ase.

15 Awurade bɛma nsu

a ɛwɔ Misraim Po no mu ayow korakora;

ɔbɛma ne nsa mu mframa a mu yɛ hyew

abɔ afa Asubɔnten Eufrate so.

Ɔbɛpaapae mu ayɛ no nsuwansuwa ason

sɛnea ɛbɛyɛ a obiara betumi ahyɛ mpaboa atwa.

16Ɔtempɔn bi bɛda hɔ ama ne nkurɔfo nkae

a wɔaka Asiria,

sɛnea bi daa hɔ maa Israel

bere a wofi Misraim bae no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help