Yesaia 25 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Ayeyi Nka Awurade

1 Awurade, wo ne me Nyankopɔn;

mɛma wo so na mayi wo din ayɛ,

efisɛ wufi nokwaredi mu,

ayɛ anwonwade bebree,

nneɛma a wɔahyehyɛ fi teteete.

2Woayɛ kuropɔn no nnwiriwii siw,

kurow no a ɛwɔ bammɔ no asɛe;

ananafo abandennen no nyɛ kuropɔn bio;

na wɔrensi bio.

3Enti aman a wɔyɛ den bedi wo ni

atutuwpɛfo aman bɛhyɛ wo anuonyam.

4Woayɛ ahiafo guankɔbea,

ohiani mmɔborɔni guankɔbea,

ahum ano ahintawee

ɔhyew mu nwini

na atirimɔdenfo home

te sɛ ahum a ɛrebɔ dwira ɔfasu

5ne ɔhyew a ɛwɔ nweatam so.

Wobrɛ ananafo huuyɛ ase;

sɛnea omununkum brɛ owia hyew ano ase no,

saa ara na atirimɔdenfo nnwom nso begyae.

6Asafo Awurade bɛto pon wɔ saa bepɔw yi so

obesiesie nnuan pa ne nsa a adi nna;

nam pa ne nsa pa ama nnipa nyinaa.

7Wɔ bepɔw yi so, ɔbɛsɛe

ntama a ɛkata nnipa nyinaa ho

ne nkataso a ɛkata aman nyinaa so no;

8Ɔbɛmene owu afebɔɔ.

Asafo Awurade bɛpepa

ani so nusu nyinaa.

Obeyi ne nkurɔfo ahohora,

afi nsase nyinaa so.

Awurade, na waka.

9Saa da no, wɔbɛka se,

“Ampa ara yɛn Nyankopɔn ni;

yɛde yɛn ho too no so na ogyee yɛn;

Awurade no ni, yegyee no dii;

momma yenni ahurusi na yɛn ani nnye wɔ ne nkwagye no mu.”

10 Awurade nsa bɛda saa bepɔw yi so;

nanso obetiatia Moab so

te sɛ sare a wotiatia so de fra sumina.

11Wɔbɛtrɛtrɛw wɔn nsa mu wɔ so,

sɛnea asuguarefo trɛtrɛw wɔn nsa mu de guare.

Onyankopɔn bɛbrɛ wɔn ahomaso ase

a ɔrenhwɛ wɔn nsa ano dwumadi ho.

12Obebubu mo bammɔ afasu atenten no agu,

obebubu agu fam

ama ayɛ mfutuma.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help