1 Awurade nka mʼanim wɔ wʼabufuw mu,
na ntwe mʼaso nso wɔ wʼabufuwhyew mu.
2Hu me mmɔbɔ, Awurade, efisɛ meyɛ mmrɛw;
Awurade sa me yare
na me nnompe wɔ ahoyeraw mu.
3Me kra wɔ ahohia mu.
Enkosi da bɛn, Ao Awurade, enkosi da bɛn?
4San bra, Awurade, na begye me nkwa;
gye me, wo dɔ a enni nhuammɔ no nti.
5Obi a wawu no renkae wo da,
hena na ofi ɔda mu kamfo wo?
6Apinisi ama mayɛ mmerɛw.
Anadwo mu nyinaa mede agyaadwotwa fɔw me mpa,
na me nusu fɔw me sumii.
7Awerɛhow ama mʼani so ayɛ me kusuu.
Ɛredum; mʼatamfo nyinaa nti.
8Mo nnebɔneyɛfo, montwe mo ho mfi me ho!
efisɛ Awurade ate me sufrɛ.
9 Awurade ate me mmɔborɔsu;
Awurade tie me sufrɛ.
10Mʼatamfo nyinaa anim begu ase
na wɔn ho adwiriw wɔn;
na wɔapatuw de fɛre asan wɔn akyi.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
