1 Awurade, nka mʼanim wɔ wʼabufuw mu
na ntwe mʼaso wɔ wʼabufuwhyew mu.
2Wo bɛmma hwirew me mu,
na wo nsa adwerɛw me.
3Wʼabufuwhyew no nti ahoɔden biara nni me mu;
me bɔne nti, me nnompe ahodwow.
4Mʼafɔdi amene me
te sɛ adesoa a mu yɛ duru dodo.
5Mʼakuru bɔn na aporɔw
esiane me bɔne mu agyimisɛm nti.
6Makotow na wɔabrɛ me ase;
da mu nyinaa menantenantew twa agyaadwo.
7Mʼakyi dompe mu yaw boro so:
ahoɔden biara nni me nipadua mu.
8Mabrɛ na mapɛtɛw koraa.
Me koma mu yaw ma misi apini.
9 Awurade, nea merehwɛ anim nyinaa da wʼanim;
mʼapinisi nhintaw wo.
10Me koma bɔ kitirikitiri, na mʼahoɔden asa
mpo mʼaniwa aduru sum.
11Mʼapirakuru nti me nnamfonom ne me yɔnkonom mmɛn me;
mʼafipamfo twe wɔn ho fi me ho.
12Wɔn a wɔpɛ sɛ wokum me no sum me mfiri,
wɔn a wɔpɛ sɛ wɔhaw me no di me sɛe ho nkɔmmɔ
da mu nyinaa wodwen nnaadaasɛm ho.
13Mete sɛ ɔsotifo a ɔnte asɛm,
mete sɛ mum a ontumi nkasa.
14Mayɛ sɛ obi a ɔnte asɛm,
nea nʼano ntumi mma mmuae.
15 Awurade, meretwɛn wo;
Awurade me Nyankopɔn, wubegye me so.
16Mekae se, “Mma wɔn ani nnye;
anaa wɔmma wɔn ho so bere a mʼanan awatiri no.”
17Mereyɛ mahwe ase,
na me yaw da so wɔ me mu.
18Meka me mfomso kyerɛ;
me bɔne hyɛ me so.
19Bebree na wɔyɛ mʼatamfo;
wɔn a wɔtan me kwa no dɔɔso.
20Wɔn a wɔde bɔne tua me papa so ka no,
bɔ me ahohora bere a mereyɛ papa.
21 Awurade nnyaw me.
Me Nyankopɔn, nkɔ akyiri!
22Bra ntɛm bɛboa me,
Awurade, mʼAgyenkwa.
Wɔde ma dwonkyerɛfo no. Yedutun.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
