Yohane Nhyɛnmu - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

NhyɛnmuYohane a ɔkyerɛw nsɛmpa no mu nea ɛto so anan no yɛ Yudani a nʼagya din de Sebedeo. Na Yohane yɛ ɔpofoni. Saa Yohane koro yi ara na ɔkyerɛw Yohane nhoma a edi kan, nea ɛto so abien, nea ɛto so abiɛsa ne Adiyisɛm no. Na ɔyɛ Yesu asuafo no mu baako a na ɔbɛn no pɛɛ wɔ ne mfe abiɛsa adwumayɛ no mu. Eyi nti na onim Yesu yiye; ohuu nʼanwonwannwuma no. Bio, na onim sɛnea na Yesu si kyi Yudafo mpanyin no. Na onim, na ɔkyerɛw faa Yesu ho se ɔyɛ onipa ne Onyankopɔn. Na nea ɛka ho ne sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba koro ne wiase Agyenkwa sɛnea ɔno ankasa aka no.Emu NsɛmNnianim (1.1-51)Yesu adwumayɛ, nsɛnkyerɛnne ason no (2.1–12.50)Yesu ntetewmudi nsɛm (13.1–17.26)Wɔkyere Yesu di nʼasɛm, bɔ no asennua mu (18.1–19.37)Yesu sie ne ne Wusɔre (19.38–20.31)Nsɛm a etwa to (21.1-25)
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help