Yesaia 5 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Bobe Turo Ho Dwom

1Mɛto dwom ama me dɔfo

dwom a ɛfa ne bobeturo ho:

Na me dɔfo wɔ bobe turo bi

wɔ asasebere bi a ɛda bepɔw ani.

2Ofuntum asase no, yiyii mu abo,

na oduaa bobe a ɛyɛ papa wɔ so.

Osii ɔwɛn aban wɔ mfimfini

na otuu nsakyiamoa nso.

Afei ɔhwɛɛ anim sɛ obetwa bobe aba pa,

nanso ɛsow aba bɔne.

3“Afei mo a motete Yerusalem ne Yuda mmarima,

mummu me ne me bobeturo ntam atɛn.

4Dɛn bio na anka ɛsɛ sɛ meyɛ ma me bobeturo

boro nea mayɛ yi so?

Bere a merehwɛ anim sɛ minya bobe a eye no

adɛn nti na ɛsow aba bɔne?

5Afei mɛka

nea merebɛyɛ me bobeturo no akyerɛ wo:

Meyi ho ban no afi hɔ,

na wɔbɛsɛe no;

mebubu ho ɔfasu,

na wobetiatia so.

6Mɛma ayɛ asase a ɛda mpan

a worenyiyi mu na wɔnyɛ so adwuma,

ohwirem ne nsɔe benyin wɔ so.

Mɛhyɛ omununkum

na wantɔ osu angu so.”

7Asafo Awurade bobeturo no

yɛ Israelfi,

na Yuda mmarima yɛ turo a nʼani gye ho.

Ɔpɛɛ atɛntrenee nanso ohuu mogyahwiegu;

ɔpɛɛ trenee nanso ɔtee mmɔborɔsu.

Nnome Ne Atemmu

8Nnome nka mo a mode ofi ka ofi ho

na mugyigye mfuw bobɔ so

kosi sɛ asase no bɛsa

na ɛka mo nko ara wɔ asase no so.

9Asafo Awurade apae mu aka ama mate:

“Nokwarem, afi akɛse no bɛda mpan,

na aban afɛɛfɛ no, obiara rentena mu.

10Bobeturo kɛse pa ara no

nsa kakraa bi na ebefi mu.

Aba lita aduonu baako a wodua no

wobenya so lita aduonu abien pɛ.”

11Wonnue, wɔn a wɔsɔre anɔpahema

kɔhwehwɛ wɔn nsa akyi kwan

wɔn a wosii pɛ anadwo

kosi sɛ nsa bɛbow wɔn.

12Wɔbɔ sankuten ne bɛnta wɔ wɔn aponto ase,

akasae, ne atɛntɛbɛn ne nsa,

nanso wotwiri nea Awurade ayɛ,

na wommu ne nsa ano adwuma.

13Ɛno nti, me nkurɔfo bɛkɔ nnommum mu,

efisɛ wonni ntease;

ɔkɔm bekum wɔn mu atitiriw

na osukɔm betware wɔn mu bebree.

14Enti Owu bae nʼabogye mu

na obue nʼanom bayaa;

na mu na atitiriw ne dɔm no bɛkɔ

wɔne wɔn a wɔsaw na wogye wɔn ani no.

15Enti wɔbɛbrɛ onipa ase

na wama adesamma abotow.

Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase,

16nanso Asafo Awurade atɛntrenee bɛma no so,

na Ɔkronkron Nyankopɔn de ne trenee bɛda ne ho adi sɛ Ɔkronkronni.

17Afei nguan bɛkɔ adidi te sɛnea wɔwɔ wɔn adidibea;

nguantenmma bedidi wɔ asikafo amamfo so.

18Munnue, mo a mode nnaadaa nhoma twetwe bɔne,

na mode nteaseɛnam ntampehama twetwe amumɔyɛ.

19Munnue, mo a moka se, “Onyankopɔn nyɛ ntɛm,

ɔnyɛ nʼadwuma ntɛm

sɛnea yebehu.

Ma ɛmmɛn,

Israel Ɔkronkronni no nhyehyɛe no mmra,

sɛnea yebehu.”

20Munnue, mo a mofrɛ bɔne sɛ papa

na papa nso sɛ bɔne,

mo a mode sum si hann anan mu

na hann si sum anan mu,

mo a mofrɛ nweenwen se dɛɛdɛ

ne dɛɛdɛ se nweenwen.

21Munnue, mo a mubu mo ho anyansafo, mo ankasa ani so

ne anitewfo mo ankasa ani so.

22Munnue mo a wɔfrɛ mo akatakyi wɔ nsanom mu

ne ahoɔdenfo wɔ nsa afrafra mu.

23Mo a mugye adanmude, na mugyaa nea odi fɔ

na mubu nea odi bem no fɔ.

24Enti sɛnea ogyaframa hyew nwuraguanee

na sare a awo yera wɔ ogyaframa mu no,

saa ara na mo ntin bɛporɔw,

na mo nhwiren nso atu akɔ sɛ mfutuma;

efisɛ moapo Asafo Awurade mmara

na moatwiri Israel Kronkronni no asɛm.

25Enti Awurade abufuw aba ne nkurɔfo so,

wama ne nsa so, na ɔde rebɔ wɔn ahwe fam.

Mmepɔw no wosow,

na afunu ayɛ sɛ mmɔnten so nwura.

Nanso eyi nyinaa akyi, ne bo nnwoo ɛ,

na ne nsa da so wɔ soro.

26Ɔma frankaa so ma akyirikyiri aman,

ɔhyɛn abɛn de frɛ wɔn a wɔwɔ asase ano.

Wɔn na wɔreba no,

afrɛ so ne ntɛm so!

27Wɔn mu biara mmmrɛ na onhintiw,

obiara ntɔ nko na ɔnna;

abɔso biara mu nnwow wɔ asen mu

na mpaboa hama biara nso rentew.

28Wɔn agyan ano yɛ nnam,

na wɔn tadua nyinaa ayɛ krado;

wɔn apɔnkɔ tɔte te sɛ ɔtwɛrebo,

wɔn nteaseɛnam nkyimii te sɛ mfɛtɛ.

29Wɔn mmobɔmu te sɛ gyata de,

na wɔbobɔ mu sɛ gyatamma;

wɔbobɔ mu kyere wɔn hanam

na wɔde no kɔ a ogyefo biara nni hɔ.

30Da no wɔbɛbobɔ mu agu no so

sɛnea po woro so no.

Na sɛ obi hwɛ asase no a,

obehu sum kabii ne ahohiahia;

omununkum bɛma hann aduru sum.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help