Nnwom 26 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 26Dawid dwom.

1Bu me bem, Awurade,

efisɛ, mabɔ bra a asɛm nni ho:

mede me ho too Awurade so

na manhinhim.

2Sɔ me hwɛ, Awurade,

hwehwɛ me koma ne mʼadwene mu.

3Wʼadɔe wɔ mʼanim daa

na mɛnantew wo nokware mu.

4Me ne nnaadaafo ntena

na me ne nyaatwomfo nso nni hwee yɛ.

5Mikyi nnebɔneyɛfo guabɔ

na mempɛ sɛ me ne amumɔyɛfo tena.

6Mehohoro me nsa wɔ bembu mu,

na mekɔ wʼafɔremuka ho ahyia, Awurade,

7na mepae mu ka wʼayeyi

na meka wʼanwonwade nyinaa.

8Mʼani gye ofi a wote mu ho, Awurade,

faako a wʼanuonyam wɔ no.

9Mfa me kra nka nnebɔneyɛfo de ho nkɔ,

ne me nkwa nka mogyapɛfo de ho,

10wɔn a amumɔyɛ nhyehyɛe wɔ wɔn nsam

na adanmude ayɛ wɔn nsa nifa ma.

11Nanso mebɔ ɔbra a ho tew;

hu me mmɔbɔ na gye me nkwa.

12Mʼanan sisi asase tamaa so;

na guabɔ kɛse ase na mɛkamfo Awurade.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help