Nnwom 59 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 59Wɔto no sɛnea wɔto “Nsɛe No” sanku nne so. Dawid “miktam” dwom. Ɔtoo no bere a Saulo soma kɔwɛn Dawid fi sɛ wonkokum no no.

1Ao, Onyankopɔn, gye me fi mʼatamfo nsam;

bɔ me ho ban fi wɔn a wɔtaa me no ho.

2Gye me fi amumɔyɛfo nsam.

Gye me nkwa fi mogyapɛfo nsam.

3Hwɛ sɛnea wɔatɛw rehwehwɛ me akum me!

Nnipa a wɔn ho yɛ hu bɔ pɔw bɔne tia me

a emfi me mfomso anaa bɔne bi, Awurade.

4Menyɛɛ mfomso bi, nanso wɔayɛ krado sɛ wɔbɛtow ahyɛ me so.

Sɔre begye me; hwɛ mʼamanehunu!

5Wo, Awurade Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn,

ma wo ho so na twe amanaman no nyinaa aso;

nhu amumɔyɛfo nkontompofo no mmɔbɔ.

6Wɔsan ba anwummere,

wɔbobɔ mu sɛ akraman,

na wokyinkyin kuropɔn no mu.

7Hwɛ nea wɔfe fi wɔn anom,

wɔn anofafa mu nsɛm ano yɛ nnam sɛ mfoa,

na wosusuw se: “Hena na ɔbɛte yɛn nka?”

8Nanso wo Awurade, woserew wɔn;

wudi saa aman no nyinaa ho fɛw.

9Wone mʼAhoɔden, mehwɛ wo kwan;

wo, Onyankopɔn, ne mʼabandennen,

10me Nyankopɔn a metumi atweri no.

Onyankopɔn bedi mʼanim

na ɔbɛma mahwɛ wɔn a wɔbɔ me ahohora no haw.

11Nanso nkum wɔn, Awurade, yɛn nkatabo,

na me nkurɔfo werɛ amfi wɔn.

Wo tumi mu no tutu wɔn ase,

na brɛ wɔn ase.

12Bɔne a efi wɔn anom,

ne wɔn ano nsɛm nti

ma wɔn ahomaso nkyekyere wɔn.

Abususɛm a wɔka ne atoro a wotwa nti,

13sɛe wɔn wɔ abufuwhyew mu,

kosi sɛ wɔn ase bɛtɔre.

Afei ɛbɛma asase so mmaa nyinaa ahu

sɛ Onyankopɔn di Yakob so.

14Wɔsan ba anwummere,

wɔbobɔ mu sɛ akraman,

na wokyinkyin kuropɔn no mu.

15Wokyinkyin pɛ aduan

na sɛ wɔammee a, wosu bobɔ mu.

16Nanso mɛto wʼahoɔden ho dwom,

mɛto wʼadɔe ho dwom anɔpa;

efisɛ woyɛ mʼabandennen,

me guankɔbea wɔ ahohia mmere mu.

17Ao mʼAhoɔden, mɛto ayeyi dwom ama wo;

wo, Onyankopɔn, ne mʼabandennen, me Nyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ.

Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto “Susan Edut.”

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help