1Mmuae pa sianka abufuwhyew,
nanso asɛm a ano yɛ den hwanyan abufuw mu.
2Onyansafo tɛkrɛma yi nimdeɛ ayɛ,
nanso ɔkwasea ano woro agyimisɛm.
3 Awurade ani hu baabiara,
na ɛhwɛ amumɔyɛfo ne apapafo.
4Tɛkrɛma a ɛde abodwo ba yɛ nkwadua,
nanso nnaadaa tɛkrɛma dwerɛw honhom.
5Ɔkwasea mfa nʼagya nteɛso nyɛ hwee,
na nea otie nteɛso no kyerɛ sɛ ɔyɛ onitefo.
6Ahonya bebree wɔ ɔtreneeni fi,
nanso amumɔyɛfo adenya de ɔhaw brɛ wɔn.
7Anyansafo ano trɛtrɛw nimdeɛ mu,
nanso ɛnyɛ saa na nkwaseafo koma te.
8 Awurade kyi amumɔyɛfo afɔrebɔ,
nanso teefo mpaebɔ sɔ nʼani.
9 Awurade kyi amumɔyɛfo akwan,
nanso ɔdɔ wɔn a wotiw trenee.
10Asotwe dennen wɔ hɔ ma nea ɔman fi ɔkwan no so,
nea ɔtan nteɛso no bewu.
11Owu ne Ɔsɛe da Awurade anim,
na nnipa koma mu de, onim ma ɛboro so.
12Ɔfɛwdifo mpɛ nteɛso;
onkobisa anyansafo hwee.
13Anigye koma ma anim yɛ sereserew,
na koma a abotow dwerɛw honhom.
14Nhumufo koma hwehwɛ nimdeɛ,
nanso ɔkwasea ano ka agyimisɛm.
15Wɔn a wɔhyɛ wɔn so nna nyinaa yɛ mmɔbɔmmɔbɔ,
nanso anigye koma wɔ daa ahosɛpɛw mu.
16Ketewa bi a yenya a Awurade suro ka ho no ye
sen ahonyade bebree a ɔhaw bata ho.
17Nhabamma aduan a ɔdɔ wɔ mu no ye
sen nantwi sradenam a ɔtan bata ho.
18Nea ne bo fuw ntɛm no de mpaapaemu ba,
nanso nea ɔwɔ ntoboase pata ntɔkwaw.
19Nsɔe ama onihawfo kwan asiw,
nanso teefo kwan yɛ ɔtempɔn.
20Ɔba nyansafo ma nʼagya ani gye,
nanso ɔba kwasea bu ne na animtiaa.
21Agyimisɛm ma nea onni adwene ani gye,
nanso nea ɔwɔ ntease no fa ɔkwan a ɛteɛ so.
22Nhyehyɛe a enni afotu no sɛe,
nanso afotufo bebree ma ɛyɛ yiye.
23Onipa a ɔma mmuae a ɛfata no ani gye,
asɛm a ɛba bere pa mu no nso ye.
24Onyansafo asetena mu kwan ma no nkɔso,
esiw ne da mukɔ ho kwan.
25 Awurade sɛe ɔhantanni fi,
na ɔma akunafo ahye yɛ pɛpɛɛpɛ.
26 Awurade kyi amumɔyɛfo nsusuwii,
nanso nʼani sɔ wɔn a wɔyɛ kronkron no de.
27Odifudepɛfo de ɔhaw brɛ nʼabusua,
nanso nea okyi kɛtɛasehyɛ no benya nkwa.
28Ɔtreneeni koma kari ne mmuae,
nanso omumɔyɛfo ano woro bɔne.
29 Awurade mmɛn amumɔyɛfo koraa,
nanso ɔte ɔtreneeni mpaebɔ.
30Anim a ɛtew ma koma nya ahomeka,
na asɛm pa ma nnompe ahoɔden.
31Nea otie animka a ɛma nkwa no
ne anyansafo bɛbɔ mu atena ase.
32Nea ɔmfa ahohyɛso no bu ne ho animtiaa,
na nea otie nteɛso no nya nhumu.
33 Awurade suro kyerɛ onipa nyansa,
ahobrɛase di anuonyam anim.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.