Hiob 27 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

1Hiob toaa nʼasɛm so se,

2“Sɛ Onyankopɔn te ase yi, nea wammu me atɛntrenee no,

Otumfo a wama madi me kra mu awerɛhow,

3mmere dodow a nkwa wɔ me mu,

na Onyankopɔn home wɔ me mu yi,

4mʼano renka amumɔyɛsɛm,

na me tɛkrɛma rentwa nkontompo.

5Merennye nto mu da sɛ nea woka no yɛ nokware;

merenka me mudi nhyɛ, kosi sɛ mewu.

6Mekura me trenee mu, merennyaa mu;

sɛ mete ase yi, me tiboa remmu me fɔ.

7“Ma mʼatamfo nyɛ sɛ amumɔyɛfo,

na wɔn a wokyi me nyɛ sɛ atorofo.

8Anidaso bɛn na wɔn a wonni nyamesu no wɔ wɔ wɔn wu akyi,

bere a Onyankopɔn agye wɔn nkwa afi wɔn nsam no?

9So Onyankopɔn tie wɔn sufrɛ

bere a amanehunu aba wɔn so no ana?

10So wɔn ani begye wɔ Otumfo no mu?

Wobesu afrɛ Onyankopɔn bere biara ana?

11“Mɛma mo Onyankopɔn tumi ho nkyerɛkyerɛ;

meremfa Otumfo no akwan nhintaw.

12Mo ankasa moahu eyinom nyinaa.

Afei nsɛnhunu yi ase ne dɛn?

13“Eyi ne nea Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ ama omumɔyɛfo,

agyapade a otirimɔdenfo nya fi Otumfo no nkyɛn:

14Sɛ ɔwɔ mma dodow dɛn ara, wɔn nkrabea ne afoa;

na nʼasefo rennidi mmee da.

15Ɔyaredɔm besie wɔn a wɔbɛka wɔ nʼakyi,

na wɔn akunafo rensu wɔn.

16Ɛwɔ mu sɛ ɔhɔre dwetɛ te sɛ mfutuma

na ɔboa ntama ano sɛ dɔte,

17nea ɔpɛ gu hɔ no, atreneefo na wobefura

na pɛpɛyɛfo no nso akyekyɛ dwetɛ no.

18Ofi a osi no te sɛ ananse abubummaba,

ɛte sɛ pata bi a ɔwɛmfo abɔ.

19Ɔda hɔ te sɛ ɔdefo, nanso ɔrenna saa bio;

ɔbɛtew nʼani no na ne nyinaa atu ayera.

20Ahunahuna ba ne so sɛ nsuyiri;

ahum hwim no kɔ anadwo.

21Apuei mframa soa no kɔ, na onni hɔ bio;

ɛtwe no fi ne tenabea.

22Ɛbɔ no a ahummɔbɔ nni mu

bere a ɔreguan afi ne tumi ase.

23Ɔde fɛw bɔ ne nsam

na ɔpam no fi ne tenabea.”

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help