Nnwom 134 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)
Dwom 134Ɔsoroforo dwom.
1 Awurade asomfo nyinaa, monkamfo Awurade,
mo a mosom wɔ Awurade fi anadwo nyinaa.
2Momma mo nsa so wɔ kronkronbea hɔ
na monkamfo Awurade.
3 Awurade a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase no,
mfi Sion nhyira mo.