Mika 1 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

1 Awurade de saa nsɛm yi brɛɛ Moresetni Mika bere a na Yotam, Ahas ne Hesekia di ade wɔ Yuda no. Anisoade a ohu faa Samaria ne Yerusalem ho.

2Monyɛ aso, mo nnipa nyinaa,

muntie, asase ne mo a mote so nyinaa.

Otumfo Awurade redi adanse atia mo,

ɔkasa fi nʼasɔredan kronkron no mu.

Atemmu A Etia Samaria Ne Yerusalem

3Monhwɛ! Awurade fi nʼatenae reba;

ɔresian na ɔnam asase sorɔnsorɔmmea so.

4Mmepɔw nan wɔ nʼase,

aku mu paapae

te sɛ ama a aka ogya,

te sɛ nsu a ɛresian waa fi koko so.

5Eyi nyinaa yɛ Yakob nnebɔne,

ne bɔne ahorow a ɛwɔ Israel fi nti.

Yakob nnebɔne ne dɛn?

Ɛnyɛ Samaria ana?

Na he ne Yuda sorɔnsorɔmmea?

Ɛnyɛ Yerusalem ana?

6“Enti mɛyɛ Samaria kurow no nnwiriwii siw,

baabi a wɔbɛyɛ bobe turo.

Mehwie nʼabo agu obon mu

ama ne fapem ho ada hɔ.

7Wobebubu nʼahoni nyinaa mu asinasin;

wɔde ogya bɛhyew nʼasɔredan mu ayɛyɛde nyinaa.

Mɛsɛe ne nsɛsode nyinaa.

Esiane sɛ nʼakyɛde a waboa ano no nyinaa,

onya fii nguamanfo akatua mu no nti

wɔde bɛma nguamanfo.”

Osu Ne Awerɛhow

8Eyinom nti mesu atwa agyaadwo;

mede adagyaw bɛnantew na merenhyɛ mpaboa.

Mɛworo so sɛ odompo

na masu sɛ patu.

9Nʼapirakuru no wu ayɛ den;

abedu Yuda.

Abedu me nkurɔfo pon ano

mpo adu Yerusalem ankasa.

10Monnka no wɔ Gat

munnsu koraa

Mo a mowɔ Bet-Leafra de,

monyantam mfutuma mu.

11Monsen nkɔ adagyaw ne aniwu mu,

mo a mote Safir.

Wɔn a wɔte Saanan ntumi mpue.

Bet-Esel wɔ awerɛhow mu;

efisɛ, wo hɔ na onya ne bammɔ.

12Wɔn a wɔte Marot de ɔyaw nunununu wɔn mu

de twɛn mmoa,

efisɛ amanehunu a efi Awurade hɔ aba

abedu Yerusalem pon ano.

13Mo a mote Lakis,

munsiesie nteaseɛnam no.

Mone bɔne farebae

ma Ɔbabea Sion,

na mudii Israel anim kɔɔ bɔne mu.

14Enti mode ntetewmu akyɛde bɛma Moreset-Gat,

Aksib kurow bɛdaadaa Israel ahemfo.

15Mede nkonimdifo bɛtoa mo;

mo a mote Maresa.

Nea ɔyɛ Israel onuonyamfo no

bɛba Adulam.

16Munyi mo tinwi mfa nni awerɛhow,

wɔ mma a mo ani gye wɔn ho no ho;

mommɔ tikwaw te sɛ opete,

efisɛ, wɔbɛfa wɔn afi mo nkyɛn

akɔ nnommum mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help