Hiob 4 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Elifas Mmuae A Edi Kan

1Na Temanni Elifas buaa Hiob se,

2“Sɛ obi pɛ sɛ ɔne wo kasa a, worennya ntoboase ana?

Hena na wobetumi aka nʼano ato mu?

3Dwene sɛnea wakyerɛkyerɛ nnipa bebree,

sɛnea woahyɛ nsa a emu ayɛ mmerɛw no den.

4Wo nsɛm ahyɛ wɔn a wɔahintiw no den;

woahyɛ nkotodwe a ayɛ mmerɛw mu den.

5Na afei a ɔhaw aba no, wʼaba mu abu;

adwira wo, na wo werɛ ahow.

6So ɛnsɛ sɛ wo nyamesuro yɛ wʼahotoso

na wʼakwan a ɛho nni asɛm no yɛ wʼanidaso ana?

7“Dwene ho: Wɔasɛe obi a ne ho nni asɛm pɛn ana?

Ɛhefa na wɔsɛee obi a ɔyɛ pɛ?

8Sɛnea mahu no, wɔn a wofuntum bɔne

ne wɔn a wodua ɔhaw no twa so aba.

9Onyankopɔn home ano, wɔsɛe;

nʼabufuw turuw a wɔyera.

10Gyata betumi abobɔ mu na wɔaworo so,

nanso wɔabubu gyata akɛse no se.

11Gyata annya hanam a owu,

na gyatabere mma no bɔ hwete.

12“Wɔbɛkaa kokoamsɛm bi kyerɛɛ me

na mʼaso tee no sɛ asomsɛm.

13Wɔ anadwo daeso basabasa mu,

bere a nnipa adeda nnahɔɔ no,

14ehu ne nketenkete kyeree me

ɛmaa me nnompe nyinaa wosowee.

15Honhom bi twaa mʼani so,

na me ho nwi sɔre gyinae.

16Egyinae,

nanso, manhu nʼabɔsu.

Biribi begyinaa mʼanim,

na metee nne bɔkɔɔ bi a ɛrebisa se,

17‘Onipa desani betumi ateɛ asen Onyankopɔn?

Na mpo ɔhoɔdenfo betumi ayɛ kronkron asen ne Yɛfo ana?

18Sɛ Onyankopɔn ntumi mfa ne ho nto nʼankasa asomfo so,

sɛ ɔka nʼabɔfo mfomso kyerɛ wɔn a,

19na nkantom wɔn a wɔtete dɔte afi mu,

wɔn a wɔn fapem sisi mfutuma mu

na wɔdwerɛw wɔn ntɛm so sen abubummaba!

20Efi anɔpahema kosi anwummere wobubu wɔn mu nketenkete;

na wɔyera korakora a obiara nhu wɔn bio.

21So wommiamia wɔn ntamadan ahama mu,

a ɛno nti wowuwu a wonni nyansa ana?’

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help