1Muntie nea Awurade ka kyerɛ mo, Israelfi.
2Sɛɛ na Awurade se:
“Munnsua amanaman no akwan
anaa momma wim nsɛnkyerɛnne mmɔ mo hu,
ɛwɔ mu sɛ wɔbɔ amanaman no hu.
3Na nkurɔfo no amanne nka hwee;
wotwa dua fi kwae mu,
na odwumfo de ne fitii asen.
4Wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ hyehyɛ no;
wɔde nnadewa ne asae bobɔ si hɔ
sɛnea ɛrenhwe fam.
5Ɛte sɛ kaakaabotoni a esi ɛfere mfikyifuw mu,
wɔn ahoni no ntumi nkasa;
ɛsɛ sɛ wɔsoa wɔn
efisɛ wontumi nnantew.
Munnsuro wɔn;
wɔrentumi nhaw mo
na wɔrentumi nyɛ ade pa biara nso.”
6Obiara nte sɛ wo, Awurade;
woyɛ ɔkɛse
na wo din so wɔ tumi mu.
7Hena na ɛnsɛ sɛ odi wo ni,
Amansanhene?
Eyi na ɛfata wo.
Amanaman no so anyansafo nyinaa mu
ne wɔn ahenni nyinaa mu,
obiara ne wo nsɛ.
8Wɔn nyinaa yɛ adwenharefo ne nkwaseafo;
dua ahoni a so nni mfaso na ɛma wɔn nkyerɛkyerɛ.
9Wɔde dwetɛ a wɔaboro fi Tarsis ba,
ne sikakɔkɔɔ nso fi Ufas ba.
Ɛyɛ nea odwumfo ne sika dwumfo ayɛ
a wɔde ntama bibiri ne beredum afura no,
ne nyinaa yɛ adwumfo anyansafo nsa ano nnwuma.
10Nanso Awurade ne nokware Onyankopɔn no;
ɔno ne Onyankopɔn teasefo, daapem Hene no.
Sɛ ne bo fuw a asase wosow;
na amanaman no ntumi nnyina nʼabufuwhyew ano.
11“Ka eyi kyerɛ wɔn: ‘Saa anyame a ɛnyɛ wɔn na wɔyɛɛ ɔsoro ne asase no bɛyera afi asase so ne ɔsorosoro ase.’ ”
12Nanso Onyankopɔn de ne tumi bɔɔ asase;
ɔtoo wiase fapem wɔ ne nyansa mu,
na ɔde ne nhumu trɛw ɔsorosoro mu.
13Sɛ ɔpaapae aprannaa a ɔsorosoro nsu bobɔ mu;
ɔma omununkum ma ne ho so fi nsase ano.
Ɔde anyinam ka osu ho ba,
na ogyaa mframa mu fi nʼadekoradan mu.
14Onipa biara nnim nyansa, na onni nimdeɛ;
sikadwumfo biara anim gu ase, esiane nʼahoni nti.
Ne nsɛsode yɛ atoro;
wonni ɔhome biara wɔ wɔn mu.
15Wɔn so nni mfaso, wɔn ho yɛ serew;
sɛ wɔn atemmu du so a, wɔbɛyera.
16Nea ɔyɛ Yakob Kyɛfa no nte sɛ eyinom,
efisɛ ɔno ne ade nyinaa Yɛfo
a Israel, abusua a ɛyɛ nʼagyapade nso ka ho,
Asafo Awurade ne ne din.
Ɔsɛe A Ɛreba17Mommoaboa mo ahode ano mfi asase no so,
mo a motete nkurow a wɔatua wɔn ano mu.
18Na sɛɛ na Awurade se:
“Saa bere yi mɛtow wɔn a
wɔtete asase yi so agu;
mede amanehunu bɛba wɔn so
sɛnea wɔbɛfa wɔn nnommum.”
19Me pira yi nti minnue,
mʼapirakuru yɛ akisikuru!
Nanso mehyɛɛ me ho den sɛ,
“Eyi ne me yare, na ɛsɛ sɛ mimia mʼani.”
20Wɔasɛe me ntamadan;
wɔatwitwa nʼahama nyinaa mu.
Wɔafa me mma nyinaa kɔ a merenhu wɔn bio;
anka obiara a obesi me ntamadan
anaa obesiesie me suhyɛ.
21Nguanhwɛfo no yɛ adwenharefo
wommisa Awurade akyi kwan;
ɛno nti wɔnkɔ so
na wɔn nguankuw no abɔ ahwete.
22Muntie! Amanneɛ no reba,
basabasayɛ kɛse a efi atifi fam asase bi so!
Ɛbɛma Yuda nkurow ada mpan,
na ayɛ sakraman atu.
Yeremia Mpaebɔ23 Awurade, minim sɛ, onipa nkwa nyɛ ne de;
na ɛnyɛ onipa na ɔkyerɛkyerɛ nʼanammɔntu.
24Teɛ me so, Awurade, wɔ trenee mu,
mfi wʼabufuw mu nyɛ;
anyɛ saa a wobɛdwerɛw me.
25Hwie wʼabufuwhyew no gu amanaman
a wonnye wo nto mu no so,
nnipa a wɔmmɔ wo din no so.
Efisɛ, wɔasɛe Yakob
wɔasɛe no koraa
na wɔasɛe nʼasase a wɔwoo no too so no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.