1Bɔ me ho ban, me Nyankopɔn,
na wo mu na minya guankɔbea.
2Meka kyerɛɛ Awurade se,
“MʼAwurade ne wo;
minni ade pa biara ka wo ho.”
3Ahotefo a wɔwɔ asase no so de,
wɔne anuonyamfo a
mʼanigye wɔ wɔn mu.
4Wɔn a wodi anyame afoforo akyi no,
wɔn awerɛhow bɛdɔɔso.
Merengu mogya nsa mma saa anyame no
na meremfa mʼano mmɔ wɔn din.
5 Awurade, wode me kyɛfa ne me kuruwa ama me;
woama me kyɛfa anya bammɔ.
6Mʼahye akɔdeda mmeae a eye ama me;
ampa ara mewɔ agyapade a ho yɛ anigye.
7Mɛkamfo Awurade a otu me fo;
na anadwo mpo, me koma kyerɛkyerɛ me.
8Mihu Awurade wɔ mʼani so daa nyinaa.
Esiane sɛ ɔwɔ me nsa nifa nti, merenhinhim da.
9Ɛno nti, me kra ani gye, na mede me tɛkrɛma di ahurusi;
me nipadua nso bɛhome asomdwoe mu,
10efisɛ, worennyaw me awufo mu.
Na woremma wo Kronkronni no mporɔw.
11Woakyerɛ me nkwagye kwan,
na wobɛma mʼani agye wɔ wʼanim,
na anigye a ɛrensa da wɔ wo nifa so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
