Hosea 14 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Ahonu De Nhyira Ba

1Israel, san wʼakyi kɔ Awurade wo Nyankopɔn nkyɛn.

Wʼasehwe fi wo bɔne!

2Fa wo nsɛm a wowɔ

san kɔ Awurade nkyɛn.

Ka kyerɛ no se,

“Fa yɛn bɔne nyinaa kyɛ yɛn,

na fa ahummɔbɔ gye yɛn,

na yɛatumi ayi wo ayɛ.

3Asiria rentumi nnye yɛn;

yɛrentena akofo apɔnkɔ so.

Yɛrenka bio da se, ‘Yɛn anyame’

nkyerɛ nea yɛn ara de yɛn nsa ayɛ,

na wo mu na ayisaa nya mmɔborɔhunu.”

4“Mɛsa wɔn asoɔden yare.

Mefi me koma mu adɔ wɔn,

efisɛ mʼabufuw nni wɔn so bio.

5Mɛyɛ sɛ obosu ama Israel.

Ɔbɛfefɛw ayɛ frɔmfrɔm te sɛ sukooko.

Te sɛ Lebanon sida no,

ɔde ne ntin betim fam;

6ne mman bɛdennan.

Nʼahoɔfɛ bɛyɛ sɛ ngodua,

na ne hua ayɛ sɛ Lebanon sida.

7Nnipa bɛtena ne nwini ase bio.

Obenyin ayɛ frɔmfrɔm te sɛ aburow.

Ɔbɛfefɛw ayɛ frɔmfrɔm te sɛ bobe,

na ne din a ahyeta bɛyɛ sɛ nsa a efi Lebanon.

8Efraim dɛn na me ne ahoni wɔ yɛ bio?

Megye no so na mʼani aku ne ho.

Mete sɛ dua a nʼahaban mpo;

sɛ wobɛsow aba a, egyina me so.”

9Hena ne onyansafo? Obehu eyinom mu.

Hena na ɔwɔ nhumu? Ɔbɛte eyinom ase.

Awurade akwan teɛ.

Atreneefo nantew so,

nanso asoɔdenfo hintiw wɔ mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help