Nnwom Mu Dwom 1 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

1Salomo nnwom mu dwom.

Ababaa:

2Ma ɔmfa nʼano mfewano no mfew mʼano,

efisɛ wo dɔ no yɛ anigye sen bobesa.

3Wʼaduhuam yi hua a ɛyɛ anigye;

wo din te sɛ aduhuam a wɔahwie.

Na ɛnyɛ nwonwa sɛ mmabaa no dɔ wo!

4Fa me kɔ, ma yɛnyɛ ntɛm!

Ma ɔhene mfa me nkɔ ne pia mu.

Nnamfonom:

Yebedi ahurusi na yɛn ani agye wo ho.

Yɛbɛkamfo wo dɔ asen bobesa.

Ababaa:

Sɛ wɔkamfo wo a, na ne kwan so ara ne no!

5Mibiri de, nanso me ho yɛ fɛ,

Yerusalem mmabea,

mobiri te sɛ Kedar ntamadan,

te sɛ, Salomo ntamadan mu ntwamtam!

6Nhwɛ me haw sɛ mibiri nti,

efisɛ owia na ayɛ me saa.

Me na mmabarima bu fuw me,

enti wɔma me kɔhwɛɛ bobe nturo so;

na amma manhwɛ mʼankasa me bobeturo.

7Kyerɛ me, me dɔfo,

faako a wode wo nguankuw kɔ adidi

na owigyinae nso, faako a woma wo nguan home.

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ meyɛ sɛ ɔbea a wakata nʼanim

wɔ wo nnamfonom nguankuw ho?

Nnamfonom:

8Sɛ wunnim a, mmea mu ɔhoɔfɛfo koraa,

fa ɔkwan a nguan fa so so

na fa wo mpapomma kɔ adidi

wɔ nguanhwɛfo no ntamadan ho.

Aberante:

9Me dɔfo, mede wo toto ɔpɔnkɔbere

a wɔde hama asa no wɔ Farao nteaseɛnam baako ho no ho.

10Asokaa ama wʼafono ho ayɛ fɛ,

na abohemaa a woasina agu wo kɔn mu no fata wo.

11Yɛbɛyɛ sikakɔkɔɔ asokaa

a wɔde dwetɛ asisi mu ama wo.

Ababaa:

12Bere a ɔhene te ne didipon ho no,

nʼaduhuam hua no gyee hɔ.

13Me dɔfo ayɛ me sɛ kurobow toa

a ɛda me nufu ntam.

14Me dɔfo ayɛ me sɛ nhwiren boa a ayɛ frɔmfrɔm

wɔ En-Gedi bobeturo mu.

Aberante:

15Me dɔfo, wo ho yɛ fɛ!

Ao, ahoɔfɛ ni!

Wʼaniwa aba te sɛ mmorɔnoma.

Ababaa:

16Me dɔfo, wo ho yɛ fɛ!

Ao, ahoɔfɛ ni!

Yɛn mpa so yɛ akɔnnɔakɔnnɔ.

Aberante:

17Yɛn fi mpuran yɛ sida;

yɛn nsɛmso yɛ ɔpepaw.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help