1 Tesalonikafo Nhyɛnmu - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

NhyɛnmuPaulo na ɔtew asafo wɔ Tesalonika a na ɛhɔ yɛ aguadi kurow no. Yudafo mpanyin de anibere sɔre tiaa Paulo nkyerɛkyerɛ no na ɛnam so maa Paulo tu fii hɔ. Yudafo no sɔre gyinaa denneennen taa Kristofo no, enti ɛyɛɛ saa maa Paulo boafo Timoteo fii Tesalonika kɔɔ Paulo nkyɛn kɔkaa ɔhaw a Kristofo no wɔ mu no kyerɛɛ no. Eyi na ɛmaa Paulo kyerɛw saa krataa yi de kɔhyɛɛ Kristofo a wɔwɔ Tesalonika no nkuran. Ɔdaa wɔn gyidi ne ɔdɔ a wɔwɔ no so ase. Ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wonso gyidi no mu dennen na wɔntena ase sɛ nokware Kristofo a wɔrehwɛ Kristo ba a ɛto so abien no anim denneennen.Emu NsɛmNkyia (1.1)Sɛnea na asafo no te ne nʼanuonyam (1.2-10)Asomafo a na wɔka wɔn ho no adwuma (2.1–3.13)Ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so ka asafo no mu nsɛm (4.1–5.11)Nkuranhyɛ nsɛm (5.12-28)
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help