Yesaia 41 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Israel Boafo

1“Monyɛ komm wɔ mʼanim, mo nsupɔw!

Ma aman no nhyɛ wɔn ho den!

Ma wɔmmra ha mmɛkasa;

momma yɛmmɔ mu nhyia wɔ asennii hɔ.

2“Hena na wakanyan nea ofi apuei no,

afrɛ no trenee mu sɛ ɔmmɛsom no?

Ɔde aman hyɛ ne nsa

na ɔbrɛ ahemfo ase wɔ nʼanim.

Ɔde nʼafoa ma wɔdan mfutuma,

ɔde ne bɛmma ma wɔdan ntɛtɛ a mframa bɔ hwete.

3Ɔtaa wɔn na ɔkɔ nʼanim a biribiara nti ne ho,

wɔ kwan a ɔmfaa so da no so.

4Hena na wayɛ eyi akosi awiei,

afrɛ awo ntoatoaso afi mfiase?

Me Awurade, meka adikanfo

ne akyikafo ho, Mene ɔno ara.”

5Nsupɔw no ahu na wɔbɔ hu;

nsase ano ho popo.

Wotwiw bɛn, na wɔba anim;

6na obiara boa ne yɔnko

na ɔka kyerɛ ne nua se, “Yɛ den!”

7Odwumfo hyɛ sikadwumfo nkuran,

na nea ɔde asae yɛ no trontrom

boa nea ɔbɔ atommo so.

Ɔka fa nea ɔsɔw no ho se, “Eye pa ara.”

Ɔbobɔ ohoni no mu nnadewa sɛnea ɛrentu nhwe fam.

8“Nanso wo, Israel, me somfo,

Yakob, nea mayi no no,

mo, mʼadamfo Abraham asefo.

9Mefaa wo fii nsase ano,

fii nʼakyirikyiri ntwea so, na mefrɛɛ wo.

Mekae se, ‘Woyɛ me somfo’;

mapaw wo na mempoo wo ɛ.

10Enti nsuro, na mene wo wɔ hɔ;

mma wo werɛ nhow, na mene wo Nyankopɔn.

Mɛhyɛ wo den, na mɛboa wo;

mede me trenee nsa nifa bɛma wo so.

11“Wɔn a wɔn bo afuw wo no nyinaa, ampa ara

wɔn ani bewu na wɔn anim agu ase;

wɔn a wɔsɔre tia wo no

rensɛ hwee na wobewuwu.

12Ɛwɔ mu sɛ wobɛhwehwɛ wʼatamfo de,

nanso worenhu wɔn.

Wɔn a wotu wo so sa no

rensɛ hwee koraa.

13Na mene Awurade, wo Nyankopɔn,

nea okura wo nsa nifa mu

na ɔka kyerɛ wo se, Nsuro;

mɛboa wo.

14Nsuro, osunson Yakob,

Israel a wusua,

na me ankasa mɛboa wo,” Awurade na ose,

wo gyefo, Israel Ɔkronkronni no.

15“Hwɛ, mede wo bɛyɛ nhuwso apa,

a ɛyɛ amono, ano yɛ nnam na ɛwɔ ɛse bebree.

Wubehuhuw mmepɔw no so na woadwiriw wɔn,

na woama nkoko ayɛ sɛ ntɛtɛ.

16Wubehuhuw wɔn so, mframa bɛma wɔn so,

na ahum abɔ wɔn akɔ.

Nanso wʼani begye wɔ Awurade mu

na woahyɛ Israel Ɔkronkronni no anuonyam.

17“Ohiani ne mmɔborɔni kyin pɛ nsu,

nanso bi nni hɔ;

osukɔm ama wɔn tɛkrɛma so ayow.

Nanso me Awurade, mɛma wɔn mmuae.

Me, Israel Nyankopɔn, merennyaw wɔn.

18Mɛma nsubɔnten ateɛ wɔ sorɔnsorɔmmea a awu no so,

na nsuti apue wɔ abon mu.

Mɛdan nweatam ayɛ no mmura,

na nsase a awo adan nsuti bebree.

19Meduadua wɔ nweatam so,

sida, ɔkanto, ohuam ne ngonnua.

Meduadua ɔpepaw wɔ asase wosee so

asɛsɛ ne kwabɔhɔre abɔ mu,

20sɛnea nnipa behu na wɔate,

na wɔasusuw ho na wɔate ase sɛ,

Awurade nsa na ayɛ saa ade yi,

Israel ɔkronkronni no na ɔma ɛbae.

21“Bɔ wo nkuro,” Awurade na ose.

“Kyerɛkyerɛ wʼasɛm mu,” Yakob Hene na ose.

22“Fa wʼahoni no bra

na wɔmmɛka nea ebesi nkyerɛ yɛn.

Wɔmmɛka sɛnea na kan nneɛma no te nkyerɛ yɛn,

sɛnea yebedwen ho afa

na yɛahu nea ebefi mu aba.

Anaasɛ wɔmpae mu nka nneɛma a ebesi nkyerɛ yɛn.

23Monka yɛn nea ebesi daakye,

na ama yɛahu sɛ moyɛ anyame.

Monyɛ biribi, sɛ eye anaa enye,

sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn werɛ bɛhow na ehu aka yɛn.

24Nanso, monnka hwee,

na mo nnwuma so nni mfaso;

nea ɔfa mo no yɛ akyiwade.

25“Makanyan obi a ofi atifi fam na ɔreba,

nea ofi owia apuei na ɔbɔ me din.

Otiatia ahemfo so te sɛ dɔte a wɔde si dan,

te sɛ ɔnwemfo a ɔrewɔw dɔte.

26Hena na ɔkaa eyi ho asɛm fii mfiase, sɛnea anka ɛbɛma yɛahu,

anaa waka ato hɔ, sɛnea yebetumi aka se, ‘Ne de no ye’?

Obiara anka eyi,

obiara anni kan anka,

obiara ante nsɛm biara amfi wo nkyɛn.

27Me na midii kan ka kyerɛɛ Sion, ‘Hwɛ, woni!’

Memaa Yerusalem ɔsomafo a ɔde asɛmpa ba.

28Mehwɛ, nanso obiara nni hɔ,

obiara nni wɔn mu a obetu wɔn fo,

sɛ mibisa wɔn a, obiara ntumi mma mmuae.

29Hwɛ, wɔn nyinaa yɛ atorofo!

Wɔn nneyɛe nka hwee;

wɔn nsɛsode yɛ mframa ne basabasayɛ nko ara.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help