Hosea 6 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Israel Nni Ahonu

1“Mommra, momma yɛnsan nkɔ Awurade nkyɛn.

Watetew yɛn mu asinasin

nanso ɔbɛsa yɛn yare.

Wapirapira yɛn

nanso ɔbɛkyekyere yɛn apirakuru.

2Nnaanu akyi, ɔbɛma yɛanya ahoɔden;

nansa so, ɔde yɛn besi yɛn sibea

na yɛanya nkwa wɔ nʼanim.

3Momma yennye Awurade nto mu;

momma yɛnkɔ so nnye no nto mu.

Sɛnea owia pue da biara no, obepue;

ɔbɛba yɛn nkyɛn te sɛ osu a ɛtɔ awɔwbere mu

anaa asusow bere mu su a ɛfɔw asase.”

4“Dɛn na metumi de wo ayɛ, Efraim?

Dɛn na metumi de wo ayɛ, Yuda?

Mo dɔ te sɛ anɔpa bɔ,

ɛte sɛ anɔpa bosu a etu yera.

5Mede mʼadiyifo twitwaa mo mu asinasin,

mede mʼanom nsɛm kunkum mo;

mʼatemmu baa mo so sɛ anyinam.

6Mepɛ ahummɔbɔ na ɛnyɛ afɔrebɔ,

mepɛ Onyankopɔn ho nimdeɛ sen ɔhyew afɔre.

7Wɔabu apam no so sɛnea Adam yɛe.

Wɔanni me nokware wɔ hɔ.

8Gilead yɛ atirimɔdenfo kuropɔn

a mogya anammɔn akeka hɔ.

9Sɛnea akwamukafo ka kwan mu no

saa ara na asɔfokuw no nso yɛ;

wodi awu wɔ Sekem tempɔn so,

yɛ nnebɔne a ɛyɛ animguase.

10Mahu ahodwiriwde wɔ Israelfi.

Ɛhɔ, Efraim kɔ aguamammɔ mu

Israel gu ne ho fi.

11“Na wo Yuda nso,

wɔahyɛ otwa bere ama wo.

“Bere biara a mede me nkurɔfo siade bɛsan ama wɔn no,

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help