Nnwom 63 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 63Dawid dwom. Bere a ɔwɔ Yuda Sare so no na ɔtoe.

1Wo, Onyankopɔn, ne me Nyankopɔn

Mehwehwɛ wo anibere so;

wo ho sukɔm de me kra,

me nipadua ani agyina wo,

wɔ asase a awo na asade nni mu so,

faako a nsu nni.

2Mahu wo wɔ Kronkronbea hɔ

mahu wo tumi ne wʼanuonyam.

3Esiane sɛ wʼadɔe di mu sen nkwa nti

mʼanofafa bɛhyɛ wo anuonyam.

4Sɛ mete ase yi, mɛkamfo wo,

na wo din mu na mɛma me nsa so.

5Me kra bɛmee sɛnea wadi aduan papa bi;

mede anofafa a ɛto dwom beyi wo ayɛ.

6Meda me mpa so a, mekae wo.

Anadwo dasu mu nyinaa, midwen wo ho.

7Efisɛ wone me boafo,

wo ntaban ase nwini mu na mɛto dwom.

8Me kra bata wo ho;

na wo nsa nifa kura me mu.

9Wɔn a wɔpɛ me akum me no bɛsɛe;

wɔbɛkɔ asase ase tɔnn.

10Wɔbɛdan wɔn ama afoa

na wɔbɛyɛ aduan ama sakraman.

11Nanso ɔhene bedi ahurusi wɔ Onyankopɔn mu;

wɔn a wɔka ntam wɔ Onyankopɔn din mu nyinaa bɛkamfo no,

na wobemua atorofo ano.

Wɔde ma dwonkyerɛfo.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help