Nnwom 106 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 106

1Monkamfo Awurade!

Monna Awurade ase na oye;

na nʼadɔe wɔ hɔ daa.

2Hena na obetumi aka nneɛma akɛse a Awurade ayɛ?

Anaasɛ obetumi aka ne nkamfo awie?

3Nhyira nka wɔn a wɔkɔ so bu atɛntrenee,

na daa wɔyɛ nea eye.

4 Awurade, sɛ wuhu wo nkurɔfo mmɔbɔ a kae me,

sɛ wugye wɔn nkwa a, boa me,

5na manya wɔn a wapaw wɔn no yiyedi mu kyɛfa,

na manya wo manfo anigye no mu kyɛfa,

na me ne wʼagyapade no abɔ mu de nkamfo ama wo.

6Yɛayɛ bɔne sɛnea yɛn nenanom yɛe no;

yɛayɛ mfomso na yɛadi atirimɔdensɛm.

7Bere a yɛn nenanom wɔ Misraim no,

wɔannwene wo nsɛnkyerɛnne ho;

wɔankae wʼadɔe bebrebe no,

na wɔtew atua wɔ Po Kɔkɔɔ no ho.

8Nanso ne din nti ogyee wɔn nkwa,

sɛnea ɔbɛda ne tumi kɛse no adi.

9Ɔteɛɛ Po Kɔkɔɔ no ma ɛyowee;

ɔde wɔn faa bun mu te sɛ sare so.

10Ogyee wɔn fii ɔtamfo no nsam;

nea ɔtan wɔn no nsam na oyii wɔn fii.

11Nsu kataa wɔn atamfo so;

na ɔbaako mpo annya nkwa.

12Afei wogyee ne bɔhyɛ no dii

na wɔtoo nʼayeyi nnwom.

13Nanso ntɛm so, wɔn werɛ fii nea wayɛ

na wɔantwɛn nʼagyinatu.

14Akɔnnɔ bɛhyɛɛ wɔn mu wɔ sare so hɔ,

asase paradada no so na wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛe,

15enti ɔmaa wɔn nea wobisae,

nanso ɔde ɔfɔn yare baa wɔn so.

16Na nsraban mu hɔ wɔn ani beree Mose

ne Aaron a Awurade atew ne ho no.

17Asase mu bue ma ɛmenee Datan

na esiee Abiram asafo no.

18Ogya tɔɔ wɔn akyidifo no mu;

ogyatannaa hyew amumɔyɛfo no.

19Wɔyɛɛ nantwi ba wɔ Horeb

na wɔkotow ohoni a wɔde fagude ayɛ.

20Wɔsesaa wɔn Anuonyam

wɔde nantwinini, a ɔwe sare nsɛsode.

21Wɔn werɛ fii Onyankopɔn a ogyee wɔn nkwa,

nea ɔyɛɛ nneɛma akɛse wɔ Misraim no,

22nsɛnkyerɛnne a ɔyɛɛ wɔ Ham asase so

ne nneɛma a ɛyɛ hu wɔ Po Kɔkɔɔ ho no.

23Enti ɔkae se ɔbɛsɛe wɔn,

nanso Mose a ɔyɛ nea wapaw no no,

sɔre gyinaa Onyankopɔn ne nnipa no ntam;

ɔsrɛ de dwudwoo nʼabufuwhyew no ano sɛnea ɔrensɛe wɔn.

24Afei wɔn ani ansɔ asase fɛfɛ no;

na wɔannye ne bɔhyɛ no anni.

25Wonwiinwii wɔ wɔn ntamadan mu

na wɔanyɛ osetie amma Awurade.

26Enti ɔmaa ne nsa so kaa ntam kyerɛɛ wɔn se

ɔbɛma wɔatotɔ wɔ sare no so,

27ɔbɛma wɔn asefo atotɔ wɔ amanaman mu

na wabɔ wɔn ahwete nsase nyinaa so.

28Wɔde wɔn ho bɔɔ Baal-Peor ho

na wodii afɔrebɔde a wɔde ama anyame a wonni nkwa;

29wɔde wɔn atirimɔdensɛm hyɛɛ Awurade abufuw

na ɔyaredɔm sii wɔn mu.

30Na Pinehas sɔre dii akagyinamu,

na wosiw ɔyaredɔm no ano.

31Wɔde eyi yɛɛ trenee maa no

wɔ awo ntoatoaso a enni awiei a ɛbɛba no mu.

32Meriba nsu ho nso, wɔhyɛɛ Awurade abufuw,

na wɔn nti, ɔhaw baa Mose so,

33efisɛ wɔtew Onyankopɔn Honhom anim atua,

na asɛm a wannwene ho fii Mose anom.

34Wɔansɛe nnipa no

sɛnea Awurade hyɛɛ wɔn no,

35nanso wɔde wɔn ho frafraa amanaman no

yɛɛ nneɛma a wɔyɛ no bi.

36Wɔsom wɔn ahoni,

na ɛbɛyɛɛ afide maa wɔn.

37Wɔde wɔn mmabarima

ne wɔn mmabea bɔɔ afɔre maa abosom.

38Wɔkaa mogya a edi bem gui,

wɔn mmabarima ne wɔn mmabea mogya a

wɔde bɔɔ afɔre maa Kanaan ahoni no

maa asase no ho guu fi.

39Wɔde nea wɔyɛɛ no guu wɔn ankasa ho fi;

wɔnam nea wɔyɛɛ no so bɔɔ aguaman.

40Enti Awurade bo fuw ne nkurɔfo;

na okyii nʼagyapade.

41Ɔdan wɔn maa amanaman no,

na wɔn atamfo dii wɔn so.

42Wɔn atamfo hyɛɛ wɔn so

na wɔkaa wɔn hyɛɛ wɔn tumi ase.

43Mpɛn bebree, Awurade gyee wɔn,

nanso wɔkɔɔ so tew atua

na wɔsɛe wɔ wɔn bɔne mu.

44Nanso ohuu wɔn ahohiahia

bere a wosu frɛɛ no no.

45Wɔn nti ɔkaee nʼapam no,

na ofii nʼadɔe kɛse no mu huu wɔn mmɔbɔ.

46Ɔmaa asodifo a wɔafa wɔn nnommum no

nyaa ahummɔbɔ maa wɔn.

47Gye yɛn, Awurade yɛn nkwagye Nyankopɔn,

na boaboa yɛn ano fi amanaman so,

na yɛada wo din kronkron no ase,

na yɛde nkamfo ahyɛ wo anuonyam.

48Ayeyi nka Awurade, Israel Nyankopɔn,

emfi mmeresanten nkosi nnasanten.

Momma nnipa no nyinaa nka se, “Amen!”

Monkamfo Awurade.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help