Yesaia 27 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Israel Ogye

1Saa da no,

Awurade de nʼafoa bɛtwe aso,

ɔde nʼafoa a ɛyɛ hu na ɛso na ɛyɛ nnam no,

ɔwɔ Lewiatan a ɔde ahoɔhare tu hoo,

ɔwɔ Lewiatan a ɔbobɔw ne ho;

obekum po mu aboa kɛse a ne ho yɛ hu no.

2Saa da no,

“To dwom fa bobeturo a ɛsow no ho se:

3Me, Awurade, mehwɛ so;

migugu so nsu bere biara.

Mebɔ ho ban awia ne anadwo

sɛnea obiara rensɛe no.

4Me bo mfuw ɛ.

Sɛ ɛkaa nware ne nsɔe nko ara na ɛko tia me a

anka me ne wɔn de bɛbɔ ani;

na mahyew wɔn nyinaa.

5Sɛ ɛnte saa a, ma wɔmmra me nkyɛn mmehintaw;

ne me mmɛdwene asomdwoe ho

Yiw, asomdwoe ho na mo ne me mmɛdwene.”

6Nna a ɛreba no mu no, Yakob ase betim,

Israel begu nhwiren na anyin fɛfɛɛfɛ

na ɔde ne nnuaba ahyɛ wiase nyinaa ma.

7 Awurade abɔ Israel

sɛnea ɔbɔɔ wɔn a wɔbɔɔ Israel hwee fam no ana?

Awurade akum Israel

sɛnea okum wɔn a wokum Israel no ana?

8Wode ɔko ne asutwa twe nʼaso,

wode mframa a ano yɛ den pam no

te sɛ da a apuei mframa bɔ no.

9Eyi na ɛbɛyɛ mpata ama Yakob afɔdi,

eyi na ɛbɛyɛ ne bɔne asetu so aba a edi mu:

bere a ɔyɛ afɔremuka so abo

sɛ hyirew a wɔabubu mu nketenkete,

na Asera nnua

ne nnuhuam afɔremuka nsisi hɔ bio no.

10Kuropɔn a wɔabɔ ho ban no ada mpan

wɔagyaw atenae a wɔafi so no te sɛ nweatam

hɔ na nantwimma didi,

hɔ na wɔdeda;

wɔwe so nnua no mman ma ho yɛ kokwakokwa.

11Sɛ nnubaa no wo a, wobubu

na mmea bɛfa de kɔsɔ ogya.

Na saa nnipa yi nni ntease

enti wɔn yɛfo nhu wɔn mmɔbɔ,

na wonnya adom mfi nea ɔbɔɔ wɔn no nkyɛn.

12Saa da no, Awurade bɛporow afi asuten Eufrate akosi Misraim Bon Wosee mu, na mo, Israelfo de, wɔbɛfa mo mmaako mmaako aboaboa mo ano.

13Saa da no, wɔbɛhyɛn torobɛnto kɛse no. Wɔn a na wɔrewuwu wɔ Asiria ne wɔn a na wɔwɔ nnommum mu wɔ Misraim bɛba abɛsom Awurade wɔ Yerusalem bepɔw kronkron no so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help