Mmebusɛm 12 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

1Obiara a ɔpɛ ahohyɛso no pɛ nimdeɛ,

na nea okyi nteɛso no yɛ ogyimifo.

2Nnipa pa nya Awurade nkyɛn adom,

na Awurade bu amumɔyɛfo fɔ.

3Amumɔyɛsɛm rentumi mma onipa ase ntim,

na wɔrentumi ntu ɔtreneeni ase.

4Ɔyere a ɔwɔ suban pa yɛ ne kunu ahenkyɛw,

nanso ɔyere nimguasefo te sɛ porɔwee wɔ ne kunu nnompe mu.

5Atreneefo nhyehyɛe yɛ pɛ,

na amumɔyɛfo afotu yɛ nnaadaa.

6Amumɔyɛfo nsɛm da hɔ twɛn mogya,

na ɔtreneeni kasa yi wɔn fi mu.

7Wotu amumɔyɛfo gu na wɔyera,

nanso atreneefo fi gyina pintinn.

8Wɔkamfo onipa sɛnea ne nyansa te

na nnipa a wɔn adwene yɛ kɔntɔnkye de, wobu wɔn animtiaa.

9Eye sɛ wobɛyɛ wo ho sɛ ɔteta nanso wowɔ ɔsomfo,

sen sɛ wobɛyɛ wo ho sɛ obi, nanso wunni aduan.

10Ɔtreneeni ma ne nyɛmmoa nea wɔpɛ,

na amumɔyɛfo nneyɛe a eye pa ara yɛ atirimɔden.

11Nea ɔyɛ nʼasase so adwuma no benya aduan bebree,

na nea odi nsɛm huhuw akyi no nni adwene.

12Amumɔyɛfo pɛ abɔnefo asade,

nanso ɔtreneeni ase dɔ.

13Ɔbɔnefo anosɛm yi no sɛ afiri,

nanso ɔtreneeni nya ne ho tetew wɔ ahohia mu.

14Nneɛma pa fi onipa anom aba mu hyɛ no ma

sɛnea ne nsa ano adwuma ma no akatua no.

15Ɔkwasea akwan teɛ nʼani so,

na onyansafo tie afotu.

16Nkwaseafo bo nkyɛ fuw,

nanso mmadwemma bu wɔn ani gu animka so.

17Ɔdanseni nokwafo di adanse turodoo,

na nea odi adansekurum no twa nkontompo.

18Nsɛm hunu keka wowɔ te sɛ afoa

nanso onyansafo tɛkrɛma ma abodwo.

19Ano a ɛka nokware no tim hɔ daa,

na atoro tɛkrɛma renkyɛ koraa.

20Nnaadaa hyɛ wɔn a wodwen bɔne ho no koma mu,

na wɔn a wɔpɛ asomdwoe nya ahosɛpɛw.

21Ɔhaw biara rento ɔtreneeni,

nanso amanehunu mee amumɔyɛfo.

22 Awurade kyi ano a etwa atoro,

na nʼani gye nnipa a wodi nokware ho.

23Ɔtreneeni mmɔ ne nimdeɛ ho dawuru

nanso ɔkwasea koma da agyimisɛm adi.

24Nsa a ɛyɛ adwuma no bedi tumi,

nanso akwadworɔ wie nkoasom mu.

25Koma a ɛpere ade ho ma onipa botow,

nanso nkuranhyɛsɛm bi hyɛ no den.

26Ɔtreneeni wɔ ntoboase wɔ ayɔnkofa mu,

nanso amumɔyɛfo kwan ma wɔfom.

27Onihawfo ntoto ne hanam,

nanso nsiyɛfo ahonyade som bo ma wɔn.

28Trenee kwan mu wɔ nkwa;

na owu nni saa kwan no so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help