Nnwom 150 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 150

1Monkamfo Awurade.

Monkamfo Awurade wɔ ne kronkronbea;

monkamfo no wɔ ɔsoro tumi mu.

2Monkamfo no wɔ ne tumi mu nneyɛe ho;

monkamfo no wɔ ne kɛseyɛ a ɛboro biribiara so no ho.

3Momfa torobɛnto nnyigyei nkamfo no,

momfa asanku ne bɛnta nkamfo no,

4momfa akasaa ne asaw nkamfo no,

momfa sankuten ne atɛntɛbɛn nkamfo no,

5momfa kyɛnkyɛn mmobɔmu so nkamfo no,

momfa kyɛnkyɛn nnyigyei nkamfo no.

6Momma nea ɛhome nyinaa nkamfo Awurade.

Monkamfo Awurade.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help