1Nhyira ne wɔn a wosuro Awurade,
na wɔnantew nʼakwan so.
2Wubedi wʼadwuma so aba;
nhyira ne yiyedi bɛyɛ wo de.
3Wo yere bɛyɛ sɛ bobe a ɛsow aba
wɔ wo fi;
na wo mmabarima ayɛ sɛ ngodua a afifi
atwa wo pon ho ahyia.
4Yiw, sɛɛ ne nea wobehyira
onipa a osuro Awurade no.
5 Awurade nhyira wo mfi Sion
na ɔmma wunhu Yerusalem yiyeyɛ;
wo nkwanna nyinaa.
6Ɔmma wo ntena ase nhu wo mma mma.
Asomdwoe nka Israel.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
