Yesaia 12 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Ayeyi Nnwom

1Saa da no, wobɛka se:

“Mɛkamfo wo, Awurade!

Ɛwɔ mu wo bo fuw me de,

nanso afei wʼabufuw ano adwo.

Na woakyekye me werɛ.

2Nokware, Onyankopɔn ne mʼagyenkwa;

mede me ho bɛto no so, na merensuro.

Awurade, Awurade ne mʼahoɔden ne me dwom;

na wabɛyɛ me nkwagye.”

3Wode anigye bɛsaw nsu

afi nkwagye mmura mu.

4Saa da no wobɛka se,

“Da Awurade ase, bɔ ne din

ma amanaman nhu nea wayɛ,

na pae mu ka se wɔama ne din so.

5To dwom ma Awurade, efisɛ, wayɛ nea ɛwɔ anuonyam bebree.

Da eyi adi kyerɛ wiase nyinaa.

6Momma mo nne so nto dwom anigye so

mo a mowɔ Sion,

efisɛ Israel Kronkronni a ɔte mo mu no yɛ ɔkɛse.”

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help