Nnwom 43 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 43

1Me Nyankopɔn, bu me bem,

na ka mʼasɛm a etia ɔman a wonsuro wo no ma me;

gye me fi nnaadaafo ne amumɔyɛfo nsam.

2Woyɛ Onyankopɔn, mʼabandennen.

Adɛn nti na woapo me?

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ menantenantew twa adwo

mʼatamfo nhyɛso nti?

3Soma wo hann ne wo nokware

ma wɔnkyerɛ me kwan;

ma wɔmfa me mmra wo Bepɔw Kronkron no so,

faako a wote no.

4Afei, mɛkɔ Onyankopɔn afɔremuka anim,

mʼanigye ne mʼahosɛpɛw Nyankopɔn nkyɛn.

Mede sanku beyi wo ayɛ,

Onyankopɔn, me Nyankopɔn.

5Me kra, adɛn, na woabotow?

Adɛn na woayɛ basaa wɔ me mu saa?

Fa wo ho to Onyankopɔn so,

na mɛkɔ so ayi no ayɛ,

mʼAgyenkwa ne me Nyankopɔn.

Dwom a wɔde ma dwonkyerɛfo.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help