Yakobo 4 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Brɛ Wo Ho Ase Ma Onyankopɔn

1Ɔko ne akasakasa a asi mo mu yi fi he? Efi mo ara mo akɔnnɔ a ɛne mo nipadua di asi no.

2Morepɛ nneɛma bi nanso morentumi nnya, ɛno nti moayɛ mo adwene sɛ mubedi awu. Mo ani abere denneennen rehwehwɛ nneɛma bi, nanso mo nsa nka, enti akasakasa ne ɔko nam so ba. Mo nsa renka nea morehwehwɛ no efisɛ mummisa Onyankopɔn.

3Na sɛ mubisa koraa nso a, mo nsa renka, efisɛ mowɔ adwemmɔne, sɛ ɛbɛyɛ a mode nea munya no begye mo ani.

4Nnipa a munni gyidi! Munnim sɛ, sɛ mofa wiase adamfo a, na moyɛ Onyankopɔn atamfo? Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo no bɛyɛ Onyankopɔn tamfo.

5Mususuw sɛ Kyerɛwsɛm a ɛka se, “Ninkutwe ahyɛ honhom a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn mu no ma” no wɔkaa no kwa ana?

6Nanso adom a Onyankopɔn dom yɛn no dɔɔso yiye. Na Kyerɛwsɛm no ka se,

“Onyankopɔn siw ahantanfo kwan,

na ɔdom ahobrɛasefo.”

7Enti momfa mo ho nhyɛ Onyankopɔn ase. Munsiw ɔbonsam kwan, na obeguan afi mo ho.

8Mommɛn Onyankopɔn, na ɔno nso bɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa ho, mo nnebɔneyɛfo! Montew mo koma mu, mo a mo adwene yɛ ntanta!

9Munni awerɛhow, munsu, na muntwa agyaadwo; momma mo serew nnan osu, na mo anigye nnan awerɛhow.

10Mommrɛ mo ho ase mma Awurade, na ɔbɛma mo so.

Atemmu Ho Kɔkɔbɔ

11Me nuanom, munnnidi mo ho nseku. Obiara a ɔkasa tia ne nua anaa obu no atɛn no, kasa tia mmara no. Na sɛ wubu mmara no atɛn a, na ɛkyerɛ sɛ afei de, wunni mmara no so.

12Onyankopɔn nko na ɔma mmara na obu atɛn. Ɔno nko na ogye nkwa na ɔsɛe. Wone hena a wubu wo yɔnko atɛn?

Ahohoahoa Ho Kɔkɔbɔ

13Mo a moka se, “Nnɛ anaa ɔkyena yebetu kwan akɔ kurow bi so akodi afe akɔyɛ adwuma, apɛ sika” no, muntie me.

14Munnim nea ɛbɛto mo ɔkyena. Mote sɛ omununkum a ɛba bere tiaa bi na ɛyera.

15Asɛm a ɛsɛ sɛ moka ne se, “Sɛ Awurade pɛ a, yɛbɛyɛ eyi anaa eyi.”

16Nanso mprempren mohoahoa mo ho de mo nsa si mo bo. Saa ahohoahoa no nyinaa yɛ bɔne.

17Enti nea onim papa yɛ na ɔnyɛ no, ɛyɛ bɔne ma no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help