1Wato ne fapem wɔ bepɔw kronkron no so;
2 Awurade dɔ Sion apon no
sen Yakob atenae nyinaa.
3Wɔka wo ho anuonyamsɛm
Onyankopɔn kuropɔn:
4“Mede Rahab ne Babilonia
bɛka wɔn a wɔyɛ osetie ma me no ho,
Filistia, Tiro ne Kus nso
na maka se, ‘Wɔwoo eyinom wɔ Sion.’ ”
5Ampa ara wɔbɛka afa Sion ho se,
“Wɔwoo oyi ne ɔno wɔ no mu,
na Ɔsorosoroni no ankasa de no betim hɔ.”
6 Awurade bɛkyerɛw wɔ nnipa dinkyerɛw nhoma no mu se,
“Wɔwoo oyi wɔ Sion.”
7Na wɔbɛto dwom se,
“Me ntin nyinaa wɔ wo mu.”
Kora mma dwom a wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no “Mahalat Leannot” sanku so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
