Nnwom 31 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 31Dawid dwom.

1Wo mu, Awurade na manya guankɔbea;

mma mʼanim ngu ase;

fi wo trenee mu gye me.

2Yɛ aso ma me,

bra ntɛm begye me;

yɛ me bammɔ botan,

aban a mʼatamfo nsa renka me.

3Sɛ woyɛ me botan ne mʼaban nti,

wo din nti di mʼanim na kyerɛ me kwan.

4Gye me fi afiri a wɔasum me no mu,

efisɛ wo ne me guankɔbea.

5Wo nsam na mede me kra hyɛ;

gye me bio, Awurade, Onyankopɔn nokwafo.

6Mikyi wɔn a wɔsom abosom huhuw;

mede me ho to Awurade so.

7Mʼani begye na madi ahurusi wɔ wo dɔ mu,

efisɛ wuhu mʼamanehunu,

na wunim me kra mu haw.

8Womfaa me nhyɛɛ ɔtamfo no nsa

mmom wode me nan asisi petee mu.

9Hu me mmɔbɔ, Awurade, efisɛ me ho yeraw me;

awerɛhow ama mʼani so ayɛ kusuu

ɔyaw ama me kra ne me honam ayɛ mmerɛw.

10Ɔyawdi retew me nkwa so,

na abooboo tew me mfe so;

ɔhaw nti mʼahoɔden kɔ fam,

na me nnompe nso ahodwow.

11Mʼatamfo nyinaa nti,

mayɛ ahohora wɔ me nnamfonom mu;

nnipa a wonim me suro me,

na wɔn a wohu me mmɔnten so guan.

12Obiara werɛ afi me te sɛ nea mawu;

mayɛ sɛ kuku a abɔ.

13Mete asomsɛm dodow a wɔka

ahunahuna atwa me ho ahyia.

Wɔrepam me ti so,

na wɔbɔ pɔw sɛ wobekum me.

14Nanso mede me ho ato wo so, Awurade;

meka se, “Woyɛ me Nyankopɔn.”

15Me mmere wɔ wo nsam

gye me fi mʼatamfo

ne wɔn a wɔtaa me no nsam.

16Tew wʼanim kyerɛ wo somfo;

gye me wɔ wo dɔ a enni huammɔ no mu.

17Mma mʼanim ngu ase, Awurade,

efisɛ masu afrɛ wo;

mmom, ma amumɔyɛfo anim ngu ase

na wɔnna wɔn nna mu komm.

18Mua atorofo ano,

efisɛ wɔde ahantan ne animtiaabu

kasa tia atreneefo.

19Wo papayɛ dɔɔso,

ɛno na woakora ama wɔn a wosuro wo no

ɛno na wode ma wɔn a woguan toa wo no

wɔ nnipa anim.

20Wode wɔn sie wʼanim bammɔ mu

fi nnipa nsusuwii bɔne ho;

wo tenabea hɔ na wode wɔn sie dwoodwoo

fi tɛkrɛma a ɛbɔ sobo ho.

21Ayeyi nka Awurade!

Sɛ wayi ne dɔ nwonwaso akyerɛ me

bere a na mewɔ kuropɔn a atamfo atwa ho ahyia no mu no.

22Mebɔɔ huboa no mekae se:

“Woayi wʼani afi me so!”

Nanso wotee me mmɔborɔsu

bere a mekotow srɛɛ wo no.

23Monnɔ Awurade mo a moyɛ nʼahotewfo nyinaa!

Awurade kora wɔn a wodi nokware so,

na ahomasofo de, otua wɔn ka pɛpɛɛpɛ.

24Monyɛ den na momma mo bo ntɔ mo yam,

mo a mowɔ anidaso wɔ Awurade mu nyinaa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help