Nnwom 51 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 51Dawid dwom a ɔtoo no bere a ɔde ne ho kaa Batseba na odiyifo Natan kɔɔ ne nkyɛn no.

1Ao, Onyankopɔn hu me mmɔbɔ,

sɛnea wʼadɔe a ɛnsa da no te;

wʼahummɔbɔ kɛse no nti,

pepa me mmarato.

2Hohoro mʼamumɔyɛ nyinaa

na tew me ho fi me bɔne mu!

3Na mahu me mmarato,

na mekae me bɔne daa.

4Mayɛ mfomso atia wo; atia wo nko ara

na mayɛ nea ɛyɛ bɔne wɔ wʼani so,

enti wudi bem wɔ wʼatemmu mu

na woteɛ wɔ wʼatemmu mu.

5Ampa ara wɔwoo me wɔ bɔne mu,

na bɔne mu na me na nyinsɛn me.

6Ampa ara nokware na wohwehwɛ wɔ me mu.

Wokyerɛ me nyansa a mu dɔ.

7Fa adwerɛ hohoro me ho, na me ho afi;

guare me, na mɛhoa asen sukyerɛmma.

8Ma mente ahosɛpɛw ne anigye nka;

na ma nnompe a woabubu no nni ahurusi.

9Kata wʼani wɔ me bɔne ho

na pepa mʼamumɔyɛ nyinaa.

10Ao, Onyankopɔn, bɔ koma a mu tew wɔ me mu,

na yɛ honhom a atim no foforo wɔ me mu.

11Mpam me mfi wʼanim,

na nyi wo Honhom Kronkron mfi me mu.

12Fa wo nkwagye mu anigye no ma me bio,

na ma me ɔpɛ honhom a ɛbɛma magyina.

13Afei mɛkyerɛ nnebɔneyɛfo wʼakwan,

na amumɔyɛfo bɛsan aba wo nkyɛn.

14Ao, Onyankopɔn, gye me fi mogya ho afɔdi mu.

Onyame a wugye me nkwa,

na me tɛkrɛma bɛto wo trenee ho dwom.

15Awurade, bue mʼano fafa,

na mede mʼano bɛpae mu aka wʼayeyi.

16Wompɛ afɔrebɔ, anka mɛbɔ;

wʼani nnye ɔhyew afɔre ho.

17Onyankopɔn afɔre yɛ honhom a abotow,

Onyankopɔn,

worempo ahonu ne ahobrɛase koma.

18Ma ɛnyɛ wo fɛ sɛ wobɛma Sion anya nkɔso wɔ wʼanigye mu;

na woasi Yerusalem afasu.

19Afei wʼani begye ɔtreneeni afɔrebɔ ho,

ɔhyew afɔre a edi mu;

na wɔde anantwinini bɛbɔ afɔre wʼafɔremuka so.

Wɔde ma dwonkyerɛfo.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help