Nnwom 61 - Akuapem Twi Nkwa As?m(AKCB)

Dwom 61Dawid dwom.

1Ao, Onyankopɔn, tie me sufrɛ;

tie me mpaebɔ.

2Mifi asase ano frɛ wo,

mefrɛ wo, efisɛ me koma atɔ beraw;

fa me kɔ ɔbotan a ɛware sen me no so.

3Woayɛ me guankɔbea,

aban a ɛyɛ den ma ɔtamfo no.

4Me kɔn dɔ sɛ metena wo ntamadan no mu afebɔɔ

na manya guankɔbea wɔ wo ntaban nwini ase.

5Woate me bɔ a mehyɛe no, Onyankopɔn;

na wode wɔn a wosuro wo din no agyapade ama me.

6To ɔhene nkwanna mu bebree;

na ne mfe mfi awo ntoatoaso nkodu awo ntoatoaso.

7Ma onni hene wɔ Onyankopɔn anim daa

fa wʼadɔe ne wo nokware bɔ ne ho ban.

8Afei mɛto ayeyi dwom ama wo din daa

na madi me bɔhyɛ so daa nyinaa.

Wɔde ma dwonkyerɛfo. De ma Yedutun.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help